Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 19:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Saa atwerɛ yi na Yudafoɔ no mu pii kenkaneeɛ, ɛfiri sɛ, faako a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu hɔ bɛn kuro no; na wɔatwerɛ no Hebri ne Roma ne Hela kasa mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

20 Saa atwerɛ yi na Yudafoɔ no mu pii kenkaneeɛ, ɛfiri sɛ faako a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu hɔ bɛn kuro no; na wɔatwerɛ no Hebri ne Roma ne Hela kasa mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Esiane sɛ faako a wɔbɔɔ Yesu asennua mu ne kurow no mu kwan nware, na bio wɔakyerɛw nsɛm no wɔ Hebri, Roma ne Hela kasa mu no nti, nnipa bebree hu kenkanee.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Esiane sɛ faako a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu ne kuro no mu ɛkwan nware, na bio wɔatwerɛ nsɛm no wɔ Hebri, Roma ne Hela kasa mu no enti, nnipa bebree hunu kenkaneeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

20 Saa kyerɛw yi na Yudafo no mu pii kanee, efisɛ faako a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu hɔ bɛn kurow no; na wɔakyerɛw no Hebri ne Roma ne Hela kasa mu.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 19:20
11 Referencias Cruzadas  

Na atwerɛ bi nso wɔ n’atifi sɛ: Oyi ne Yudafoɔ hene.


Na Pilato tee saa asɛm no, ɔde Yesu firii adi, na ɔbɛtenaa atemmuo adwa so baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Abo-sɛeɛ, na Hebri mu wɔfrɛ no Gabata.


na ɛhɔ na Yudafoɔ Ahosiesie da no nti, wɔde Yesu kɔtoeɛ, ɛfiri sɛ ɔboda no na ɛbɛn.


Nso ɔtadeɛ bi wɔ Yerusalem Nnwanten Pono kɛseɛ no ho a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betesda a ɛwɔ ntwonoo nnum.


Na wɔde Paulo rebɛkɔ aban no mu no, ɔbisaa ɔsafohene no sɛ: Mewɔ ho kwan sɛ meka asɛm bi mekyerɛ woɔ? Na ɔse: Wonim Hela kasa anaa?


Na ɔmaa no kwan no, Paulo gyinaa ntwedeɛ no so de ne nsa nyamm nkurɔfoɔ no; na wɔyɛɛ komm no, ɔde Hebri kasa ne wɔn kasaa sɛ:


Na wɔtee sɛ ɔrekasa Hebri kasa de kyerɛ wɔn no, wɔyɛɛ komm koraa. Na ɔse:


Na yɛn nyinaa hwehwee aseɛ no, metee nne bi a ɛkasa kyerɛɛ me Hebri kasa mu sɛ: Saulo, Saulo, adɛn nti na wotaa me? Ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛto ɔkafoɔ poma ano dadeɛ kotie.


Na Yesu nso, deɛ ɛbɛyɛ na ɔde ɔno ara ne mogya ate ɔman no ho nti, ɔhunuu amane, kuro no pono akyi.


Na ɔboaboaa wɔn ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Armagedon.


Na wɔwɔ wɔn so hene a ɛyɛ bunu no mu bɔfoɔ a wɔfrɛ ne din wɔ Hebri kasa mu sɛ Abadon, na Hela kasa mu deɛ, ɔde Apolion.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios