Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 18:32 - New Revised Asante Twi Bible

32 (Ɛbaa saa no, na Yesu asɛm a ɔka de kyerɛɛ owu korɔ a ɔrebɛwuo no aba mu.)

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

32 (Ɛbaa saa na Yesu asɛm a ɔka de kyerɛɛ owu korɔ a ɔrebɛwuo no aba mu.)

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

32 Nea esii yi maa nsɛm a Yesu ka de kyerɛɛ owu ko a obewu no daa adi pefee.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

32 Deɛ ɛsiiɛ yi maa nsɛm a Yesu ka de kyerɛɛ owu ko a ɔbɛwu no daa adi pefee.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

32 Ɛbaa saa na Yesu asɛm a ɔkae de kyerɛɛ owu ko a ɔrebewu no aba mu.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 18:32
17 Referencias Cruzadas  

Nnipa bɔne te sɛ akraman atwa me ho ahyia, na wɔbom ba me so, wɔahwire me nsa ne me nan mu.


na wɔde no ahyɛ amanaman mufoɔ nsa sɛ wɔngoro ne ho, na wɔnka no mpire na wɔmmɔ no asɛnnua mu, na da a ɛtɔ so nnansa no ɔbɛnyane bio.


Monim sɛ aka nnanu na Twam da adu, na wɔbɛyi onipa ba no ama sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu.


Hwɛ, yɛrekɔ Yerusalem, na wɔbɛyi Onipa Ba no ahyɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ nsa, na wɔabua no kumfɔ, na wɔayi no ama wiase amanaman mufoɔ,


Ɛnna Yudafoɔ no tasee aboɔ bio sɛ wɔde rebɛsi no.


Yudafoɔ no buaa no sɛ: Ɛnyɛ adwuma pa nti na yɛrebɛsi wo aboɔ, na abususɛm ntira, ɛfiri sɛ wo a woyɛ onipa no yɛ wo ho sɛ Onyankopɔn.


Ɛnyɛ mo nyinaa ho asɛm na meka; me deɛ, menim wɔn a mayi wɔn. Na saa na ɛbɛyɛ na twerɛsɛm no aba mu sɛ: Deɛ ɔdi me paanoo no na wama ne nantin so atia me.


Ɛnna Pilato see wɔn sɛ: Mo ara momfa no, na monkɔbu no atɛn sɛdeɛ mo mmara teɛ. Ɛnna Yudafoɔ no see no sɛ: Yɛn deɛ, yɛnni ho kwan sɛ yɛkum obiara.


(Ɔkaa yei de kyerɛɛ owu ko a ɔde bɛhyɛ Onyankopɔn animuonyam.) Na ɔkaa yei no, ɔsee no sɛ: Di m’akyi!


Na sɛdeɛ Mose maa ɔwɔ no so wɔ ɛserɛ soɔ no, saa ara na ɛtwa sɛ wɔma Onipa Ba no soɔ,


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Sɛ monya ma Onipa Ba no so a, ɛno na mobɛhunu sɛ mene no, na memmɔ me ara me tirim menyɛ biribi, na sɛdeɛ Agya no kyerɛkyerɛ me no, ɛno saa na meka.


Na wɔresi Stefano aboɔ no, ɔsrɛɛ sɛ: Awurade Yesu, gye me honhom!


Wɔde Kristo yɛɛ abusudeɛ maa yɛn, ama no atɔ yɛn afiri mmara nnome mu, ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔadome obiara a ɔsɛne dua soɔ,


ne funu no nntena dua no so anadwo, sie no da no ara; na deɛ wɔasɛne no no yɛ Nyankopɔn nnome, na woangu w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no ho fi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios