Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 17:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na m’adeɛ nyinaa yɛ wo dea; na wo deɛ nso yɛ me dea; na manya animuonyam wɔn mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na m’adeɛ nyinaa yɛ wo dea; na wo deɛ nso yɛ me dea; na manya animuonyam wɔn mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Biribiara a mewɔ no yɛ wo de na biribiara a wowɔ no nso yɛ me de. Ɛnam eyinom so ama manya anuonyam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Biribiara a mewɔ no yɛ wo dea na biribiara a wowɔ no nso yɛ me dea. Ɛnam yeinom so ama manya animuonyam.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na ade nyinaa yɛ wo dea, na wo de nso yɛ me dea; na manya anuonyam wɔn mu.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 17:10
16 Referencias Cruzadas  

Me ne Agya no yɛ baako.


Na Yesu teeɛ no, ɔkaa sɛ: Yadeɛ yi nyɛ owuo yadeɛ, na Nyankopɔn animuonyam ntira, sɛ wɔbɛfa so ahyɛ Nyankopɔn Ba no animuonyam.


Na Yesu buaa wɔn sɛ: Dɔn no aduru sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no animuonyam.


sɛ wɔn nyinaa nni Ɔba no ni, sɛdeɛ wɔdi Agya no ni no. Deɛ ɔnni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no ni.


Na Yudafoɔ ne Helafoɔ a wɔte Efeso nyinaa teeɛ no, ehu kaa wɔn nyinaa, na wɔyii Awurade Yesu din ayɛ kɛse.


Na me nti wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam.


mewɔ anidasoɔ na mehwɛ kwan dendeenden sɛ, m’anim rengu ase wɔ biribiara mu, na mmom me namyɛ kɛseɛ nti, sɛdeɛ ɛte daa no, seesei ara nso, sɛ nkwa mu oo, owuo mu oo, wɔbɛkamfo Kristo wɔ me nipadua mu.


ɛfiri sɛ Kristo mu na Onyame ankasa mayɛ nyinaa teɛ nipadua mu,


ɛberɛ a ɛbɛba sɛ wɔnhyɛ no animuonyam n’ahotefoɔ mu. Na wɔnhwɛ n’anwanwadeɛ wɔ wɔn a wɔagye adie nyinaa mu, ɛfiri sɛ wɔagye yɛn adanseɛ a yɛdii mo no adi, ɛda no ara mu.


na wɔahyɛ yɛn Awurade Yesu din animuonyam wɔ mo mu, ne mo nso wɔ ne mu, sɛdeɛ yɛn Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom no teɛ.


Na mo deɛ, moyɛ abusua a wɔayi wɔn, ahene asɔfokuo, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara ne deɛ, sɛ monka deɛ ɔfrɛɛ mo firi esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwanwa mu no ayeyie nkyerɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios