Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 16:30 - New Revised Asante Twi Bible

30 Afei yɛahunu sɛ wonim nnoɔma nyinaa, na ɛnhia wo sɛ obi bisa woɔ; yei mu na yɛgye di sɛ wofiri Nyankopɔn nkyɛn na ɛbaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

30 Afei yɛahunu sɛ wonim nnoɔma nyinaa, na ɛnhia wo sɛ obi bisa woɔ; yei mu na yɛgye di sɛ wofiri Nyankopɔn nkyɛn na ɛbaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

30 Yɛahu sɛ wunim biribiara; ɛho nhia sɛ obi bisa wo nsɛm. Eyi ama yɛagye adi sɛ wufi Onyankopɔn nkyɛn.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

30 Yɛahunu sɛ wonim biribiara; ɛho nhia sɛ obi bisa wo nsɛm. Yei ama yɛagye adi sɛ wofiri Onyankopɔn nkyɛn.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

30 Afei yɛahu sɛ wunim nneɛma nyinaa, na enhia wo sɛ obi bisa wo; eyi mu na yegye di sɛ wufii Nyankopɔn nkyɛn na ɛbae.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 16:30
12 Referencias Cruzadas  

Na ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia sɛ: Afei na mahunu sɛ Nyankopɔn nipa ne wo, na AWURADE asɛm a ɛwɔ w’anomu yɛ nokorɛ.


Ɛnna n’asuafoɔ no mu binom kekaa no wɔn mu sɛ: Ɛdeɛn na ɔse yɛn yi sɛ: Aka kakraa bi na monhu me, na bio aka kakraa bi mobɛhu me, ne sɛ: Merekɔ Agya no nkyɛn yi?


na da no moremmisa me biribiara. Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde bɛma mo.


Da no na mobɛsrɛ wɔ me din mu, na menka menkyerɛ mo sɛ mɛbisa Agya no mama mo,


Yesu bisaa wɔn sɛ: Afei deɛ, mogye di anaa?


ɛfiri sɛ nsɛm a wode ama me no, mede mama wɔn; na wɔn nso wɔagye, na wɔahunu ampa sɛ, mefiri wo nkyɛn na mebaeɛ, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.


Yesu nsɛnkyerɛnneɛ no mu deɛ ɛdi kan yi, ɔyɛɛ no Kana a ɛwɔ Galilea; na ɔyii n’animuonyam kyerɛe; na n’asuafoɔ no gyee no diiɛ.


Ɔsee no ne mprɛnsa so sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me? Ɛyɛɛ Petro awerɛho sɛ wabisa no mprɛnsa sɛ: Wodɔ me? Na ɔbuaa no sɛ: Awurade, wonim ade nyinaa, wonim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛne me nnwan!


Na Agya no dɔ Ɔba no, na ɔkyerɛ no deɛ ɔno ara yɛ nyinaa; na ɔbɛkyerɛ no nnwuma akɛseɛ a ɛsene yeinom, na ayɛ mo nwanwa.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Sɛ mo Agya ne Onyankopɔn a, anka mobɛdɔ me; na me deɛ, mefiri Nyankopɔn mu na mebaeɛ. Nanso ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mebaeɛ, na ɔno na ɔsomaa me.


Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adie Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, deɛ yɛne no wɔ asɛm no anim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios