Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 16:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mobɛsu na moatwa adwo, na wiasefoɔ ani bɛgye; na mo deɛ, mo werɛ bɛho, nanso mo awerɛhoɔ no bɛdane anigyeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

20 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mobɛsu na moatwa adwo, na wiasefoɔ ani bɛgye; na mo deɛ, mo werɛ bɛho, nanso mo awerɛhoɔ no bɛdane anigyeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Mereka nokware akyerɛ mo; mo werɛ bɛhow na moasu, nanso wiasefo ani begye. Mubedi awerɛhow nanso mo awerɛhow no bɛdan anigye.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Mereka nokorɛ akyerɛ mo; mo werɛ bɛho na moasu, nanso ewiasefoɔ ani bɛgye. Mobɛdi awerɛhoɔ nanso mo awerɛhoɔ no bɛdane anigyeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

20 Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Mubesu na moatwa adwo, na wiasefo ani begye; na mo de, mo werɛ bɛhow; nanso mo awerɛhow no bɛdan anigye.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 16:20
44 Referencias Cruzadas  

sɛ abɔnefoɔ ahurisidie nkyɛ, na nyaatwomfoɔ anigyeɛ yɛ berɛ tiaa bi?


Woama m’abooboo adane me asa, woasane me ho ayitoma, na wode anigyeɛ abɔ me abɔsoɔ,


Na n’abufuo kyɛre kakraa bi, na n’adɔeɛ deɛ, ɛtena hɔ kyɛre sɛ nkwa berɛ. Osu bɛsoɛ anadwo, na adeɛ kye a, na anigyeɛ aba.


Wɔde hann agu ama ɔteneneeni, ne anigyeɛ ama akoma mu teefoɔ.


Ɛda no na wobɛka sɛ: Meda wo ase, Ao AWURADE, sɛ wo bo fuu me mpo a, w’abufuo no asane, na woakyekyere me werɛ.


menhyehyɛ Sion abooboodifoɔ memma wɔnnɛnso nsi nso mu da ananmu, memma wɔn anika ngo nsi abooboo ananmu, memma wɔn ayeyie ntadeɛ nsi honhom a watɔ bera ananmu, na wɔmfrɛ wɔn tenenee nnua, AWURADE tɛ nnua a ɛhyɛ no animuonyam.


Montie AWURADE asɛm, mo a n’asɛm nti mo ho popoɔ: Mo nuanom a wɔtane mo a me din nti wɔtu mo no ka sɛ: AWURADE nnya animuonyam na yɛnhunu mo anigyeɛ; nanso wɔn na wɔn ani bɛwu.


Na mɛma ɔkra a watɔ bera ani so atete no, na mama akra a wɔatɔ piti nyinaa amee.


Nanso ahwɛsofoɔ no hunuu ɔba no no, wɔkekaa wɔn mu sɛ: Oyi ne ɔdedifoɔ no; mommra mma yɛnkum no, na n’apɛgyadeɛ no nyɛ yɛn deɛ.


Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ, na wɔn na wɔbɛkyekyere wɔn werɛ.


Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu soɔ. Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no sɛ: Na ne werɛ hoo pii, Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu soɔ ma ɔsui!


Na ɔkɔ kɔsee wɔn a wɔne no tenaeɛ a na wɔn werɛ ahoɔ na wɔresu no.


Na ɔsɔre firii mpaebɔ mu baa asuafoɔ no nkyɛn no, ɔbɛhunuu wɔn sɛ awerɛhoɔ nti wɔadeda,


Na Petro firii adi kɔsuu yayaaya.


Na ɔman no mu nnipakuo kɛseɛ dii n’akyi ne mmaa a wɔredi abooboo na wɔresu no.


Na ɔbisaa wɔn sɛ: Nkɔmmɔ bɛn na monam redie a mo werɛ ahoɔ yi?


Na yɛn deɛ, yɛn ani daa so sɛ anka ɔno na ɔrebɛgye Israel. Nanso yei nyinaa akyiri no, nnansa ni a nsɛm yi siiɛ.


Nhyira ne mo a ɛkɔm de mo yi, na wɔbɛma mo amee. Nhyira ne mo a moresu yi, na mobɛsere.


Yeinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoeɛ. Mo ho bɛhiahia mo wiase deɛ, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.


Na sɛ maka yeinom makyerɛ mo nti, awerɛhoɔ ahyɛ mo akoma ma.


Na ɔkaa saa no, ɔde ne nsa ne ne mfe mu kyerɛɛ wɔn. Na asuafoɔ no hunuu Awurade no, wɔn ani gyeeɛ.


Ɛnna wɔde anigyeɛ firii badwafoɔ no anim kɔeɛ sɛ wɔabu wɔn sɛ wɔsɛ sɛ ne din nti wɔbɔ wɔn ahohora.


Na ɛnyɛ yei nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn mu, ɛsiane Awurade Yesu Kristo a yɛnam no so seesei anya mpata yi.


sɛ awerɛhofoɔ, nanso wɔn ani gye daa; sɛ ahiafoɔ, nanso wɔma nnipa bebree nya wɔn ho; sɛ wɔn a wɔnni hwee, nanso wɔwɔ nnoɔma nyinaa.


Na honhom aba ne ɔdɔ, anigyeɛ, asomdwoeɛ, abodwokyɛre, ayamyɛ, papayɛ, gyidie,


Na mo nso moayɛ yɛn ne Awurade suafoɔ de Honhom Kronkron mu anigyeɛ agye asɛm no ahohia pii mu,


Me nuanom, sɛ mohwe sɔhwɛ ahodoɔ bebree mu a, mommu no anigyeɛ koraa,


Na deɛ ɔbɛtumi asɔ mo mu na moansunti, na ɔde mo asi n’animuonyam anim, sɛ nnipa a wɔnni dɛm wɔ ahosan mu no,


Na wɔn a wɔtete asase soɔ ani bɛgye wɔn ho, na wɔn bo atɔ wɔn yamu, na wɔamanemane wɔn ho adeɛ, ɛfiri sɛ adiyifoɔ baanu yi ateetee wɔn a wɔte asase soɔ.


Dodoɔ a ɔhyɛɛ ne ho animuonyam na ɔdii taamu no, momma n’ayayadeɛ ne n’awerɛhoɔ nnɔɔso saa. Ɛfiri sɛ ɔkaa no n’akoma mu sɛ: Mete hɔ sɛ ɔhemmaa, na menyɛ okunafoɔ, na merenni awerɛhoɔ da.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios