Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 15:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ da wɔ wɔn mu a, anka wɔnni bɔne; na afei deɛ, wɔahunu, nanso wɔatane me ne m’Agya.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

24 Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ da wɔ wɔn mu a, anka wɔnni bɔne; na afei deɛ, wɔahunu, nanso wɔatane me ne m’Agya.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ bi da no wɔ wɔn mu a anka wɔrenni bɔne ho fɔ; nanso wɔahu nea meyɛe, nso wɔtan me ne mʼAgya.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ bi da no wɔ wɔn mu a, anka wɔrenni bɔne ho fɔ; nanso wɔahunu deɛ meyɛeɛ, nso wɔtan me ne mʼAgya.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

24 Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛe da wɔn mu a, anka wonni bɔne; na afei de, wɔahu, nanso wɔatan me ne m’Agya.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 15:24
36 Referencias Cruzadas  

Anka AWURADE atamfoɔ bɛbrɛ wɔn ho ase ama no, na wɔn berɛ akyɛre akɔsi daa.


Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufoɔ a metua nananom amumuyɛ so ka mefa mma so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan a wɔtane me soɔ,


na deɛ ɔfom me no di ne kra aborɔ, wɔn a wɔtane me nyinaa dɔ owuo.


Anifirafoɔ hunu adeɛ, na mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho fi, na asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafoɔ.


Na Yohane nam tenenee kwan mu baa mo nkyɛn, na moannye no anni; na togyefoɔ ne nnwamamfoɔ na wɔgyee no diiɛ, na mo nso mohunuiɛ no, moannu mo ho akyire yi annye no anni.


Na ɔtuu honhommɔne no no, emum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no nwanwa, na wɔkaa sɛ: Wɔnhunuu saa bi da wɔ Israel.


Na ɔsɔreeɛ, na ntɛm ara ɔfaa ne kɛtɛ firii wɔn nyinaa anim kɔeɛ; na ɛmaa wɔn nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam kaa sɛ: Yɛnhunuu sei bi da!


Na ɔbisaa wɔn sɛ: Nsɛm bɛn? Na wɔsee no sɛ: Deɛ ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifoɔ a ɔwɔ tumi, nneyɛɛ ne ɔkasa mu, Onyankopɔn ne ɔman nyinaa anim no ho,


Yesu buaa wɔn sɛ: Nnwuma pa pii na mayɛ makyerɛ mo a ɛfiri Agya no nkyɛn; emu deɛ ɛwɔ he nti na morebɛsi me aboɔ yi?


Sɛ menyɛ m’Agya nnwuma a, ɛnneɛ monnnye me nnni;


Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no tuu agyina sɛ wɔbɛkum Lasaro nso,


na deɛ ɔhu me no, hunu deɛ ɔsomaa me no.


Yesu see no sɛ: Me ne mo wɔ hɔ dadadada yi, monhunuu me anaa, Filipo? Deɛ wahu me no ahunu Agya no, na adɛn nti na wose: Kyerɛ yɛn Agya no?


Na yeinom nyinaa, me din nti na wɔde bɛyɛ mo, ɛfiri sɛ wɔnnim deɛ ɔsomaa me no.


Sɛ mamma mammɛka mankyerɛ wɔn a, anka wɔnni bɔne; na afei deɛ, wɔnni wɔn bɔne ho anoyie.


Deɛ ɔtane me no tane m’Agya no nso.


Bɔne ho, ɛfiri sɛ wɔnnye me nni;


ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo, na ɔbɛsee no sɛ: Rabi, yɛnim sɛ wofiri Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛni; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Na me deɛ, mewɔ adanseɛ a ɛsene Yohane deɛ no; na nnwuma a Agya no de ama me sɛ menwie no, nnwuma no ara a meyɛ no di me ho adanseɛ sɛ Agya no na asoma me.


Na meka mekyerɛɛ mo sɛ moahu me, nanso moda so ara nnye nni.


Na nkurɔfokuo no mu pii gyee no dii, na wɔkaa sɛ: Kristo no, sɛ ɔba a, ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bebree asene yeinom a oyi ayɛ yi?


Ɛfiri wiase mfitiaseɛ, wɔntee sɛ obi abue deɛ wɔwoo no onifirani ani pɛn.


Yesu bua see wɔn sɛ: Sɛ moyɛ anifirafoɔ a, anka monni bɔne; na sɛ mose: Yɛhunu adeɛ enti, na mo bɔne aka.


Yesu a ɔfiri Nasaret, sɛdeɛ Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na ɔkyini yɛɛ yie, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn soɔ no yadeɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Israel mmarima, montie nsɛm yi! Yesu, Nasareni no, ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenneɛ ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔno Onyankopɔn no ara nam ne so yɛɛ no mo mu yii no kyerɛɛ mo, sɛdeɛ mo ara nso monim no,


nsekubɔfoɔ, Onyankopɔn atamfoɔ, anoɔdenfoɔ, ahantanfoɔ, ahohoahoafoɔ, nnebɔne farebaefoɔ, awofoɔ asɛm ho asoɔdenfoɔ,


Na me AWURADE wo Nyankopɔn meyɛ Onyankopɔn ninkufoɔ a metua nananom amumuyɛ so ka mefa mma soɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan a wɔtane me soɔ,


afatwafoɔ, akakabenfoɔ, wɔn a wɔhoran, wɔn a wɔdɔ anigyedeɛ sene Onyankopɔn,


Awaresɛefoɔ, monnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtane a wɔtane Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfoɔ no gyina hɔ sɛ Nyankopɔn tamfo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios