Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 15:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Sɛ mofiri wiase a, anka wiase bɛdɔ ɔno ara ne deɛ; na sɛ momfiri wiase na mayi mo afiri wiase yi, yei nti na wiase tane mo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Sɛ mofiri wiase a, anka wiase bɛdɔ ɔno ara ne deɛ; na sɛ momfiri wiase na mayi mo afiri wiase yi, yei nti na wiase tane mo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Sɛ mote ase ma wiase a ɛno de wiase bɛdɔ mo sɛ wɔn a wɔyɛ ne dea. Nanso miyii mo fii wiasefo mu; ɛno nti monyɛ wiasefo bio; eyi nti na wiasefo tan mo no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Sɛ mote ase ma ewiase a, ɛnneɛ ewiase bɛdɔ mo sɛ wɔn a wɔyɛ ne dea. Nanso, meyii mo firii ewiasefoɔ mu, ɛno enti, monyɛ ewiasefoɔ bio; yei enti na ewiasefoɔ tan mo no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Sɛ mufi wiase a, anka wiase bɛdɔ n’ankasa ne de; na sɛ mumfi wiase na mayi mo afi wiase yi, eyi nti na wiase tan mo.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 15:19
19 Referencias Cruzadas  

Na me din nti, nnipa nyinaa bɛtane mo; na deɛ ɔbɛgyina ano akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.


Ɛnna wɔbɛyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo, na me din nti, aman nyinaa bɛtane mo.


Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, aseda bɛn na mowɔ? Na nnebɔneyɛfoɔ nso dɔ wɔn a wɔdɔ wɔn.


Ɛnyɛ mo nyinaa ho asɛm na meka; me deɛ, menim wɔn a mayi wɔn. Na saa na ɛbɛyɛ na twerɛsɛm no aba mu sɛ: Deɛ ɔdi me paanoo no na wama ne nantin so atia me.


Ɛnyɛ mo na moayi me, na me na mayi mo, na mede mo masi hɔ sɛ monkɔ, na monkɔso aba, na mo aba no ntena hɔ, na biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde ama mo.


Yesu buaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ me na mayi mo dummienu yi anaa? Nso mo mu baako yɛ ɔbonsam!


Awaresɛefoɔ, monnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtane a wɔtane Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfoɔ no gyina hɔ sɛ Nyankopɔn tamfo.


Yɛn asetena berɛ a atwa mu no, yɛsɛe berɛ yɛɛ deɛ amanaman mufoɔ no pɛ, sɛ yɛnantee ahohwie, akɔnnɔ, nsaborɔ, agobɔne, didimeeɛ ne abosonsom a wɔkyire mu.


ɛnyɛ sɛ Kain a ɔfiri bɔne mu na ɔkumm ne nua no. Na adɛn nti na ɔkumm no? Ɛfiri sɛ ɔno ara ne nnwuma yɛ bɔne, na ne nua deɛ no deɛ, ɛtene.


Na ɔtweaseɛ no bo fuu ɔbaa no, na ɔkɔtuu n’asefoɔ nkaeɛ a wɔdi Nyankopɔn ahyɛdeɛ soɔ na wɔkura Yesu Kristo adanseɛ no so sa.


Na wɔtuu ɔtweaseɛ kɛseɛ no, ɔwɔ dada no a wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan, deɛ ɔdaadaa amanaman nyinaa no, firii hɔ too no twenee asase so, na wɔtoo n’abɔfoɔ kaa ne ho gui.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios