Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 15:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Sɛ moyɛ deɛ mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Sɛ moyɛ deɛ mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Sɛ mudi nea mehyɛ mo sɛ monyɛ no so a na moyɛ me nnamfonom.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Sɛ modi deɛ mehyɛ mo sɛ monyɛ no so a, na moyɛ me nnamfonom.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Sɛ moyɛ nea mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 15:14
19 Referencias Cruzadas  

Natan ba Asaria di toɔ sohwɛfoɔ so, na Natan ba Sabud yɛ ɔsɔfoɔ ne ɔhene adamfo;


Na ɔbataa AWURADE ho, wansane amfiri n’akyi, na ɔdii mmara nsɛm a AWURADE hyɛɛ Mose no so.


Ɛnyɛ wone yɛn Nyankopɔn a wotuu asase yi sofoɔ firii wo man Israel anim na wode maa wo dɔfo Abraham asefoɔ sɛ wɔntena so daa?


Na Mose ne Aaron yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ wɔn no, saa ara na wɔyɛeɛ.


Deɛ ɔfa nnamfo pii no de sɛe ɔno ara ne ho, nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam ho sene onua.


Maba me turo mu, me nua, m’ayeforɔ, meretete me kurobo ne m’aduhwam, meredi me woɔkyɛm ne me woɔ, merenom me nsa ne me nufosuo. Nnamfonom, monnidi, adɔfonom, monnom na mommee.


Na wo, m’akoa Israel, Yakob a mayi no, me dɔfo Abraham asefoɔ!


Na wɔba bɛdii soɔ no, wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; deɛ wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa, wɔanyɛ, enti na woama bɔne yi nyinaa abɛto wɔn yi.


Ɛnna meyɛɛ saa, sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no, meyii me nnoɔma firii adi sɛ otukorɔ adeɛ awia, na anwummerɛ no, mede me nsa tuu ɔfasuo no mu tokuro, na anim rebiribiri no, mede firii adi bɔɔ akɔnkɔn wɔ wɔn anim.


Na obiara a ɔbɛyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛdeɛ no, ɔno ara ne me nuabarima ne onuabaa ne ɛna.


Na me nnamfonom, mese mo sɛ: Monnsuro wɔn a wɔkum honam, na yei akyiri no, wɔnni biribi a wɔbɛtumi ayɛ bio.


Sɛ monim yeinom na moyɛ a, nhyira ne mo.


Sɛ modɔ me a, monni m’ahyɛdeɛ so!


Deɛ ɔwɔ m’ahyɛdeɛ na ɔdi soɔ no, ɔno ne deɛ ɔdɔ me; na deɛ ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no.


Moate sɛ meka mekyerɛɛ mo sɛ: Merekɔ na maba mo nkyɛn. Sɛ modɔ me a, anka mo ani bɛgye sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, ɛfiri sɛ m’Agya no yɛ kɛseɛ sene me.


Na ne na see asomfoɔ no sɛ: Biribiara a ɔbɛse mo no, monyɛ!


na atwerɛ a ɛse: Abraham gyee Onyankopɔn dii, na wɔbuu ɛno tenenee maa no, na wɔfrɛɛ no Nyankopɔn adamfo no baa mu.


Na yei ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yɛbɛdi n’ahyɛdeɛ soɔ, na n’ahyɛdeɛ no nyɛ den.


Na ɔsiane kɔɔ aporeeɛ hɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ n’ase hyɛɛ no no nyinaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios