Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 14:30 - New Revised Asante Twi Bible

30 Me ne mo renkasa pii bio; na wiase sodifoɔ no reba, na ɔnni tumi biara wɔ me so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

30 Me ne mo renkasa pii bio; na wiase sodifoɔ no reba, na ɔnni tumi biara wɔ me so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

30 Merentumi nkɔ so nkasa pii nkyerɛ mo bio, efisɛ ɔbonsam no reba, nanso onni me so tumi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

30 Merentumi nkɔ so nkasa pii nkyerɛ mo bio, ɛfiri sɛ, ɔbonsam no reba, nanso ɔnni me so tumi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

30 Me ne mo renkasa pii bio; na wiase sodifo no reba, nanso ɔrennya me hɔ hwee.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 14:30
22 Referencias Cruzadas  

Na ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ: Honhom Kronkron no bɛba wo so, na Deɛ Ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwoɔ no, wɔbɛfrɛ no Nyankopɔn ba.


Me ne mo wɔ asɔrefie hɔ daa no, moankye me; na yei ne mo berɛ ne esum tumi.


Afei ne wiase atemmuo; afei na wɔbɛyi wiase sodifoɔ no hɔ.


Wɔn nso na n’amanehunu akyiri no, ɔnam adanseɛ bebree so yii ne ho kyerɛɛ wɔn sɛ ɔteasefoɔ adaduanan mu maa wɔhunuu no, na ɔkaa Nyankopɔn ahennie ho asɛm.


wɔn mu na wiase nyame afira wɔn a wɔnnye nnie no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Nyankopɔn suban no animuonyam asɛmpa no hann anhyerɛn amma wɔn.


Ɛfiri sɛ, deɛ ɔnnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Nyankopɔn tenenee wɔ ne mu.


na akane no monantee sɛdeɛ wiase abrabɔ teɛ ne sɛdeɛ ewiem tumi no panin no teɛ, honhom a nnansa yi ɛyɛ adwuma wɔ wɔn a wɔyɛ asoɔden mu no.


ɛfiri sɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpaninnie ne tumidie ne wiase yi sum mu atumfoɔ ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔnom.


sɛ wayi yɛn afiri sum tumi ase de yɛn aba ne Dɔba no ahennie mu.


Na yɛnni ɔsɔfo panin a ɔnnim yɛn mmerɛyɛ na ɔnni tema mma yɛn, na mmom deɛ wɔasɔ no ahwɛ adeɛ nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso wannyɛ bɔne.


Na ɔsɔfo panin a ɔfata yɛn ne saa ɔsɔfo panin yi a ne ho teɛ, ɔnni bɔne, ne ho nni nkekaeɛ, wɔayi no afiri nnebɔneyɛfoɔ ho, na wɔama no so akyɛne soro.


na mmom wɔde Kristo a ɔte sɛ adwammaa a ɔnni dɛm ne nkekaeɛ no mogya a ne boɔ yɛ den no na ɛgyee mo.


Ɔno na wanyɛ bɔne, nanso wɔanhunu nnaadaa n’anomu.


Mma nkumaa, mofiri Nyankopɔn mu, na moadi wɔn so nkonim, ɛfiri sɛ deɛ ɔwɔ mo mu no so kyɛne deɛ ɔwɔ wiase mu.


Yɛnim sɛ obiara a Onyankopɔn awo no no, ɔnyɛ bɔne, na mmom deɛ Onyankopɔn awo no no, ɔhwɛ ne ho so, na ɔbɔnefoɔ no nka no.


Yɛnim sɛ, yɛfiri Onyankopɔn, na wiase nyinaa hyɛ ɔbɔnefoɔ no tumi ase.


Na wɔtuu ɔtweaseɛ kɛseɛ no, ɔwɔ dada no a wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan, deɛ ɔdaadaa amanaman nyinaa no, firii hɔ too no twenee asase so, na wɔtoo n’abɔfoɔ kaa ne ho gui.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios