Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 14:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 nokorɛ Honhom a wiase ntumi nnye no no, ɛfiri sɛ ɛnhu no, nanso ɛnnim no; na mo deɛ, monim no, ɛfiri sɛ ɔte mo nkyɛn, na ɔbɛtena mo mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

17 nokorɛ Honhom a wiase ntumi nnye no no, ɛfiri sɛ ɛnhu no, nanso ɛnnim no; na mo deɛ, monim no, ɛfiri sɛ ɔte mo nkyɛn, na ɔbɛtena mo mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Wiase rentumi nnye no, efisɛ wonhu no, na wonnim no. Nanso mo de, munim no, efisɛ ɔne mo na ɛte.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Ewiase rentumi nnye no, ɛfiri sɛ, wɔnhunu no, na wɔnnim no. Nanso, mo deɛ, monim no, ɛfiri sɛ, ɔne mo na ɛte.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

17 nokware honhom a wiase ntumi nnye no no, efisɛ enhu no, nanso ennim no; na mo de, munim no, efisɛ ɔte mo nkyɛn, na ɔbɛtena mo mu.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 14:17
30 Referencias Cruzadas  

Akoma nim ne kra awerɛhoɔ, na n’anigyeɛ nso, ɔhɔhoɔ mfa ne ho mfra mu.


Na sɛ deɛ ɔkorɔn na wɔama no soɔ, deɛ ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no seɛ nie: Mete soro ne deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ne deɛ wabubuo na ne honhom brɛ aseɛ no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefoɔ honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no akoma anya nkwa.


Na me deɛ, yei ne me ne wɔn apam no, AWURADE na ɔseɛ: Me honhom a ɛwɔ wo soɔ no ne me nsɛm a mede mahyɛ w’anomu no, ɛremfiri w’anomu ne w’asefoɔ anomu ne w’asefoɔ asefoɔ anomu, AWURADE na ɔseɛ, ɛfiri sesɛɛ de bɛkɔ akɔsi daa.


Na mede me honhom bɛhyɛ mo mu, na mama moanante m’ahyɛdeɛ so, na moahwɛ m’atemmudeɛ ayɛ.


Na ɛnyɛ mo na mokasa, na mmom mo Agya Honhom no na ɔkasa mo mu.


Na me deɛ, mɛbisa Agya no, na wama mo Okyigyinafoɔ foforɔ, na ɔne mo abɛtena daa,


Yesu bua see no sɛ: Sɛ obi dɔ me a, ɔbɛdi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn, na yɛabɛyɛ yɛn tenabea ne nkyɛn.


Na Okyigyinafoɔ a mɛsoma no mabrɛ mo afiri Agya no nkyɛn, nokorɛ Honhom a ɔfiri Agya no nkyɛn reba no, sɛ ɔnya ba a, ɔno na ɔbɛdi me ho adanseɛ;


Na sɛ ɔno, nokorɛ Honhom no, nya ba a, ɔbɛkyerɛ mo kwan akɔ nokorɛ no nyinaa mu. Na ɛmfiri ɔno ara ne mu na ɔbɛkasa, na biribiara a ɔbɛteɛ no, ɔbɛka, na ɔbɛkyerɛ mo nnoɔma a ɛreba.


Na yei ne m’Agya no apɛdeɛ, sɛ obiara a ɔhunu Ɔba no na ɔgye no die no nnya daa nkwa; na mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no.


Na afei ɛdeɛn? Mede honhom bɛbɔ mpaeɛ, na mede adwene nso mabɔ mpaeɛ; mede honhom bɛto dwom, na mede adwene nso mato dwom.


Na onipa a ɔnni honhom no nnye Nyankopɔn Honhom adeɛ, na ɛyɛ no nkwaseasɛm, na ɔntumi nhunu mu, ɛfiri sɛ wɔbu mu atɛn honhom mu.


Monnim sɛ moyɛ Nyankopɔn asɔredan na Nyankopɔn honhom te mo mu anaa?


Anaasɛ monnim sɛ mo nipadua yɛ Honhom Kronkron a ɔwɔ mo mu, a monya firii Nyankopɔn hɔ no asɔredan, na monne mo ho?


Monsɔ mo ho nhwɛ sɛ mowɔ gyidie no mu anaa? Mommisa mo ho nhwɛ! Anaasɛ monnim mo ho sɛ Yesu Kristo te mo mu? Gye sɛ mommfata deɛ.


Na baakoyɛ bɛn na Nyankopɔn asɔrefie ne abosom wɔ? Na yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte aseɛ no asɔrefie, sɛdeɛ Onyankopɔn aka sɛ: Mɛtena wɔn mu, na manante wɔn mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔayɛ me man.


Na sɛ moyɛ mma nti, Onyankopɔn asoma ne Ba honhom aba mo akoma mu a ɔteam sɛ: Abba, Agya!


ne mu na wɔde mo nso resi akɔyɛ Nyankopɔn tenabea, honhom mu.


na ɔmma Kristo mfa gyidie so ntena mo akoma mu, na moagye ɔdɔ mu nhini atim mu,


Onyankopɔn pɛ sɛ ɔma n’ahotefoɔ hunu ahuntasɛm yi animuonyam ahonya wɔ amanaman mu, a ɛne Kristo a ɔwɔ mo mu, animuonyam anidasoɔ no.


Adepa a wɔde ahyɛ wo nsa no, fa Honhom Kronkron a ɔte yɛn mu no so hwɛ so.


Na mo deɛ, ngosra a monyaa no ne nsa mu no te mo mu, enti ɛnhia mo sɛ obi kyerɛkyerɛ mo; na mmom sɛdeɛ ngosra no ara kyerɛkyerɛ mo ade nyinaa ho no na ɛyɛ nokorɛ, na ɛnyɛ atorɔ. Na sɛdeɛ akyerɛkyerɛ mo no, montena ne mu!


Na deɛ ɔdi n’ahyɛdeɛ soɔ no te ne mu, na ɔno nso te ne mu. Na deɛ yɛde hunu sɛ ɔte yɛn mu ne honhom a ɔde ama yɛn no.


Mma nkumaa, mofiri Nyankopɔn mu, na moadi wɔn so nkonim, ɛfiri sɛ deɛ ɔwɔ mo mu no so kyɛne deɛ ɔwɔ wiase mu.


Yɛn deɛ, yɛfiri Nyankopɔn mu. Deɛ ɔnim Nyankopɔn no tie yɛn, na deɛ ɔmfiri Onyankopɔn mu no ntie yɛn. Yei mu na yɛhunu nokorɛ honhom ne nnaadaa honhom.


Na baasa na ɛdi adanseɛ:


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma no mana a ahunta no bi adi, na mɛma no ɔboɔ fitaa, na ɔboɔ no so na wɔatwerɛ din foforɔ bi a obiara nnim, sɛ deɛ ɔnya no nko.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios