Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 13:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Simon Petro see no sɛ: Awurade, ɛnyɛ me nan ho nko, na me nsa ne me tirim nso bi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Simon Petro see no sɛ: Awurade, ɛnyɛ me nan ho nko, na me nsa ne me tirim nso bi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Simon Petro kae se, “Awurade, ɛno de na ɛnyɛ mʼanan ase nko, na mmom me nsa ho ne me tirim nso ka ho.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Simon Petro kaa sɛ, “Awurade, ɛnneɛ na ɛnyɛ me nan ase nko, na mmom, me nsa ho ne me tirim nso ka ho.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Simon Petro see no sɛ: Awurade, ɛnyɛ me nan ho nko, na me nsa ho ne me tirim nso bi.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 13:9
9 Referencias Cruzadas  

Mɛhohoro me nsa, bemdie mu, na matwa w’afɔrebukyia ho mahyia, AWURADE,


Hohoro me ho firi m’amumuyɛ mu koraa, na prapra me ho firi me bɔne mu.


Fa adwera yi me ho bɔne, na me ho afi; dware me, na mayɛ fitaa asene nwera.


Hohoro w’akoma ho firi bɔne mu, O Yerusalem, na wɔagye wo. Da bɛn na w’abusudwene ntena wo mu nkɔsie?


Na Pilato hunuu sɛ ɔntumi nyɛ ho hwee na mmom sakasaka reba no, ɔfaa nsuo hohoroo ne nsa nkurɔfokuo no anim kaa sɛ: Medi bem wɔ onipa tenenee yi mogya ho; mo ara monhwɛ.


Yesu see no sɛ: Deɛ wadwareɛ no, ɛnhia no adwareɛ, gye ne nan ho hohorɔ, na ne ho nyinaa afi; na mo ho afi, na ɛnyɛ mo nyinaa.


Petro see no sɛ: Meremma wo nhohoro me nan ho da! Yesu buaa no sɛ: Sɛ manhohoro wo ho a, wonni m’afa.


momma yɛmfa nokorɛ akoma wɔ gyidie a akyinnyeɛ nni mu koraa mmɛn sɛ nnipa a wɔapete wɔn akoma ho afiri ahonim bɔne mu, na wɔde nsuo korɔgyenn adware wɔn nipadua.


Ɛno na afei ne nsɛsoɔ a ɛno ne asubɔ no, gye mo nso nkwa, a ɛnyɛ honam ho fi yi mu, na mmom ɛyɛ ahonim pa ho adebisa a Yesu Kristo wusɔreɛ nti yɛnam so yɛ Nyankopɔn deɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios