Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 13:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 ɛnna Simon Petro bɔɔ n’ani kyerɛɛ no see no sɛ: Bisa no deɛ ɔreka ne ho asɛm no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

24 ɛnna Simon Petro bɔɔ n’ani kyerɛɛ no see no sɛ: Bisa no deɛ ɔreka ne ho asɛm no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Simon Petro buu nʼani se, “Bisa no na ɔnkyerɛ wo onipa ko a ɔreka ne ho asɛm no.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Simon Petro buu nʼani sɛ, “Bisa no na ɔnkyerɛ wo onipa ko a ɔreka ne ho asɛm no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

24 ɛnna Simon Petro buu no ani see no sɛ: Bisa no nea ɔka ne ho asɛm no.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 13:24
7 Referencias Cruzadas  

Na ɔfirii adie no, wantumi ankasa ankyerɛ wɔn; na wɔhunuu sɛ wanya anisoadehunu bi wɔ asɔredan mu hɔ; na ɔno deɛ, ɔde ne nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na wantumi ankasa.


Na wɔnyamm wɔn mfɛfoɔ a wɔwɔ kodoɔ baako no mu no sɛ wɔmmra mmɛsɔ wɔn mu; na wɔbae, na wɔhyɛɛ akodoɔ mmienu no mama ma anka ɛreyɛ amem.


Na asuafoɔ no mu baako a Yesu dɔ no no twere Yesu koko mu;


Enti ɔpa tweree Yesu koko mu bisaa no sɛ: Awurade, ɛyɛ hwan a?


Na ɔde ne nsa nyamm wɔn sɛ wɔmmua wɔn ano, na ɔkaa sɛdeɛ Awurade yii no firii afiase hɔ no kyerɛɛ wɔn. Na ɔse: Monkɔka nsɛm yi nkyerɛ Yakobo ne anuanom no. Na ɔfirii hɔ kɔɔ baabi foforɔ.


Na Paulo sɔre gyinae, na ɔde ne nsa nyamm kaa sɛ: Israel mmarima ne mo a mosuro Onyankopɔn, montie!


Na ɔmaa no kwan no, Paulo gyinaa ntwedeɛ no so de ne nsa nyamm nkurɔfoɔ no; na wɔyɛɛ komm no, ɔde Hebri kasa ne wɔn kasaa sɛ:


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios