Yohane 13:18 - New Revised Asante Twi Bible18 Ɛnyɛ mo nyinaa ho asɛm na meka; me deɛ, menim wɔn a mayi wɔn. Na saa na ɛbɛyɛ na twerɛsɛm no aba mu sɛ: Deɛ ɔdi me paanoo no na wama ne nantin so atia me. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron18 Ɛnyɛ mo nyinaa ho asɛm na meka; me deɛ, menim wɔn a mayi wɔn. Na saa na ɛbɛyɛ na twerɛsɛm no aba mu sɛ: Deɛ ɔdi me paanoo no na wama ne nantin so atia me. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm18 “Ɛnyɛ mo nyinaa na mereka saa asɛm yi akyerɛ mo, minim wɔn a mayi wɔn. Nanso ɛsɛ sɛ Kyerɛwsɛm a ɛka se, ‘Onipa a ɔne me to nsa didi no beyi me ama’ no ba mu. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm18 “Ɛnyɛ mo nyinaa na mereka saa asɛm yi akyerɛ mo, menim wɔn a mayi wɔn. Nanso, ɛsɛ sɛ Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, ‘Onipa a ɔne me to nsa didi no, bɛyi me ama’ no ba mu. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON18 Ɛnyɛ mo nyinaa ho asɛm na meka; me de, minim wɔn a mayi wɔn. Na saa na ɛbɛyɛ na kyerɛwsɛm no aba mu sɛ: Nea odi m’abodoo no na wama ne nantin so atia me. Ver Capítulo |