Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 13:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na ɔnim deɛ ɔbɛyi no ama; yei nti na ɔkaa sɛ: Ɛnyɛ mo nyinaa na mo ho afire no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na ɔnim deɛ ɔbɛyi no ama; yei nti na ɔkaa sɛ: Ɛnyɛ mo nyinaa na mo ho afire no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Na Yesu nim onipa ko a ɔrebeyi no ama no, ɛno nti na ɔkae se ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔn ho afi no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Na Yesu nim onipa ko a ɔrebɛyi no ama no, ɛno enti na ɔkaa sɛ ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔn ho ate no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na onim nea obeyi no ama; eyi nti na ɔkae sɛ: Ɛnyɛ mo nyinaa na mo ho afi, no.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 13:11
9 Referencias Cruzadas  

Ɛnyɛ mo nyinaa ho asɛm na meka; me deɛ, menim wɔn a mayi wɔn. Na saa na ɛbɛyɛ na twerɛsɛm no aba mu sɛ: Deɛ ɔdi me paanoo no na wama ne nantin so atia me.


Na wɔrebɛdidie no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, akoma mu sɛ ɔnkɔyi no mma.


Yesu kaa saa no, ne ho yeraa no honhom mu, na ɔdii adanseɛ sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mo mu baako bɛyi me ama.


Yesu buaa sɛ: Ɔno ne deɛ mede paanoo sini bɛbɔ mu mama no no. Na ɔde paanoo sini no bɔɔ mu maa Yuda, Simon Iskariot ba no.


Mewɔ wɔn nkyɛn no, mede wɔn mesiee wo din mu, wɔn a wode wɔn ama me no; mawɛn wɔn, na wɔn mu bi nyerae, gye ɔyera ba no, — na twerɛsɛm no aba mu.


Ɛnna Yesu a ɔnim deɛ ɛreba ne so nyinaa no firii adie, na ɔsee wɔn sɛ: Morehwehwɛ hwan?


na ɛnhia no sɛ obi di onipa ho adanseɛ; ɛfiri sɛ ɔno ara nim deɛ ɛwɔ onipa mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios