Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 12:50 - New Revised Asante Twi Bible

50 Na menim sɛ, n’ahyɛdeɛ no yɛ daa nkwa. Enti deɛ meka no, sɛdeɛ Agya no aka akyerɛ me no, saa ara na meka.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

50 Na menim sɛ n’ahyɛdeɛ no yɛ daa nkwa. Enti deɛ meka no, sɛdeɛ Agya no aka akyerɛ me no, saa ara na meka.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

50 Minim sɛ asɛm biara a Agya no ahyɛ me sɛ menka no de nnipa kɔ nkwa a enni awiei mu; enti asɛm a ɔbɛka akyerɛ me sɛ menka biara no, ɛno na meka!”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

50 Menim sɛ asɛm biara a Agya no ahyɛ me sɛ menka no de nnipa kɔ nkwa a ɛnni awieeɛ mu; enti asɛm a ɔbɛka akyerɛ me sɛ menka biara no, ɛno na meka!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

50 Na minim sɛ n’ahyɛde no yɛ daa nkwa. Enti nea meka no, sɛnea Agya no aka akyerɛ me no, saa ara na meka.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 12:50
12 Referencias Cruzadas  

Na yei ne daa nkwa, sɛ wɔbɛhu wo, nokorɛ Nyankopɔn koro no, ne deɛ wosomaa no no, Yesu Kristo no.


Na yeinom na wɔatwerɛ sɛ monnye nni sɛ Yesu ne Kristo no, Nyankopɔn Ba, na mogye di a, moanya nkwa ne din mu.


Ɛnna Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, Ɔba no ara ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye deɛ wahunu Agya no sɛ ɔyɛ; ɛfiri sɛ biribiara a ɔno yɛ no, ɛno ara na Ɔba no nso yɛ.


Honhom ne deɛ ɛma nkwa, ɔhonam deɛ, ɛnyɛ hwee; nsɛm a maka mo no yɛ honhom ne nkwa.


Simon Petro buaa no sɛ: Awurade, hwan nkyɛn na yɛbɛkorɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm;


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Sɛ monya ma Onipa Ba no so a, ɛno na mobɛhunu sɛ mene no, na memmɔ me ara me tirim menyɛ biribi, na sɛdeɛ Agya no kyerɛkyerɛ me no, ɛno saa na meka.


Mɛma odiyifoɔ so mama wɔn wɔn nuanom mu sɛ wo; na mede me nsɛm bɛhyɛ n’anomu, na waka deɛ mɛhyɛ no nyinaa akyerɛ wɔn.


Nanso yei nti wɔahu me mmɔbɔ, sɛ me a medi kan mu na Yesu Kristo bɛyi abodwokyɛre nyinaa adi de ayɛ wɔn a wɔrebɛgye no adie akɔ daa nkwa mu no nhwɛsoɔ.


Na ɛbɔ a ɔde ahyɛ yɛn ne daa nkwa no.


Na yɛnim sɛ Nyankopɔn Ba no aba, na wabɛma yɛn nteaseɛ a yɛde hunu ɔnokwafoɔ no. Na yɛwɔ ɔnokwafoɔ no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokorɛ Nyankopɔn ne daa nkwa no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios