Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 12:44 - New Revised Asante Twi Bible

44 Na Yesu teaa mu sɛ: Deɛ ɔgye me die no, ɛnyɛ me na ɔgye me die, na ɛyɛ deɛ ɔsomaa me no;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

44 Na Yesu teaa mu sɛ: Deɛ ɔgye me die no, ɛnyɛ me na ɔgye me die, na ɛyɛ deɛ ɔsomaa me no;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 Yesu teɛɛ mu se, “Obiara a ogye me di no, ɛnyɛ me nko na ogye me di, na ogye nea ɔsomaa me no nso di.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 Yesu teaam sɛ, “Obiara a ɔgye me di no, ɛnyɛ me nko na ɔgye me di, na ɔgye deɛ ɔsomaa me no nso di.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

44 Na Yesu teɛɛm sɛ: Nea ogye me di no, ɛnyɛ me na ogye me di, na ɛyɛ nea ɔsomaa me no;

Ver Capítulo Copiar




Yohane 12:44
11 Referencias Cruzadas  

Nyansa team mmorɔno so, ɔma wɔte ne nne mmɔntene so;


Ɛno ɛnyɛ nyansa na ɛteam, na nteaseɛ ma ne nne soɔ?


Deɛ ɔgye mo no gye me, na deɛ ɔgye me no gye deɛ ɔsomaa me no.


Na Yesu see no sɛ: Sɛ wobɛtumi a! Nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ ama deɛ ɔgye die.


Obiara a ɔbɛgye saa mmɔfra yi mu baako me din mu no, gye me; na obiara a ɔbɛgye me no, ɛnyɛ me na ɔgye me, na deɛ ɔsomaa me no.


Na ɔkaa saa no, ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Lasaro, firi bra!


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔgye obi a mesomaa no no, ɔgye me; na deɛ ɔgye me no gye deɛ ɔsomaa me no.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔte m’asɛm, na ɔgye deɛ ɔsomaa me no die no wɔ daa nkwa, na ɔremma atemmuo mu, na watwa mu afiri owuo mu kɔ nkwa mu.


Ɛnna Yesu rekyerɛkyerɛ asɔrefie no, ɔteaa mu sɛ: Monim me, na monim deɛ mefire. Na ɛnyɛ me ara na mehyɛɛ me ho mebaeɛ; na deɛ ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafoɔ a monnim no.


a monam ne so gye Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu na ɔhyɛɛ no animuonyam no die no, na mo gyidie ne anidasoɔ atena Nyankopɔn mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios