Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 12:31 - New Revised Asante Twi Bible

31 Afei ne wiase atemmuo; afei na wɔbɛyi wiase sodifoɔ no hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

31 Afei ne wiase atemmuo; afei na wɔbɛyi wiase sodifoɔ no hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

31 Afei, bere adu sɛ wobu wiase atɛn na wotu ɔbonsam a odi wiase so no gu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

31 Afei, ɛberɛ aduru sɛ wɔbu ewiase atɛn na wɔtu ɔbonsam a ɔdi ewiase so no gu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

31 Afei ne wiase atemmu; afei na wobeyi wiase sodifo no hɔ.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 12:31
22 Referencias Cruzadas  

Na mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ntam, ɛne w’asefoɔ ne n’asefoɔ ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo tire, na wo nso woaka ne nantin.


Wɔgye dɔmmarima nsam adeɛ a wafa, anaasɛ ɔhene tirimuɔdenfoɔ nnommum bɛfiri ne nsa?


Na sɛ mede Nyankopɔn Honhom na metu ahonhommɔne a, ɛnneɛ na Nyankopɔn ahennie anya aba mo so.


Me ne mo renkasa pii bio; na wiase sodifoɔ no reba, na ɔnni tumi biara wɔ me so.


Na yei mmom ne atemmuo no, sɛ hann no aba wiase na nnipa dɔ esum sene hann no; ɛfiri sɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne.


Na Yesu kaa sɛ: Atemmuo nti na mebaa wiase, na wɔn a wɔnhunu adeɛ no ahunu, na wɔn a wɔhunu adeɛ no adane anifirafoɔ.


Na woabue wɔn ani, na wɔadane afiri sum mu aba hann mu, na wɔafiri Satan tumi ase aba Nyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔne fakyɛ ne agyapadeɛ, wɔn a wɔde gyeɛ a wɔgye me die no ate wɔn ho no mu.


Onyansafoɔ wɔ he? Ɔtwerɛfoɔ wɔ he? Wiase kyinnyegyefoɔ wɔ he? Onyankopɔn nnanee wiase yi nyansa nkwaseasɛm anaa?


Na wiase amfa nyansa so anhunu Onyankopɔn wɔ Nyankopɔn nyansa mu nti, ɛsɔɔ Nyankopɔn ani sɛ ɔnam asɛnka no nkwaseasɛm so bɛgye wɔn a wɔgye die no nkwa.


wɔn mu na wiase nyame afira wɔn a wɔnnye nnie no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Nyankopɔn suban no animuonyam asɛmpa no hann anhyerɛn amma wɔn.


ɛfiri sɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpaninnie ne tumidie ne wiase yi sum mu atumfoɔ ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔnom.


na watu mpaninnie ne tumidie agu ayi wɔn adi akyerɛ pefee wɔ badwam de adi wɔn so nkonim wɔ mu.


Enti sɛ mma no anya honam ne mogya korɔ no bie no, saa ara na ɔno nso faa mu bi, sɛ ɔnam owuo so bɛtu deɛ ɔwɔ owuo tumi a ɔne ɔbonsam no,


Deɛ ɔyɛ bɔne no firi ɔbonsam, ɛfiri sɛ ɔbonsam na ɔfiri mfitiaseɛ yɛɛ bɔne. Yei nti na Nyankopɔn Ba no bɛyii ne ho adi sɛ ɔbɛsɛe ɔbonsam nnwuma.


Mma nkumaa, mofiri Nyankopɔn mu, na moadi wɔn so nkonim, ɛfiri sɛ deɛ ɔwɔ mo mu no so kyɛne deɛ ɔwɔ wiase mu.


Yɛnim sɛ, yɛfiri Onyankopɔn, na wiase nyinaa hyɛ ɔbɔnefoɔ no tumi ase.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios