Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 12:29 - New Revised Asante Twi Bible

29 Ɛnna nkurɔfokuo a wɔgyina hɔ na wɔteeɛ no kaa sɛ: Aprannaa abom! Ebinom se: Ɔbɔfoɔ ne no kasae.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

29 Ɛnna nkurɔfokuo a wɔgyina hɔ na wɔteeɛ no kaa sɛ: Aprannaa abom! Ebinom se: Ɔbɔfoɔ ne no kasae.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

29 Nnipakuw a na wɔwɔ hɔ no tee nne no, wɔkae se aprannaa na ɛrebobɔ mu. Ebinom nso kae se, ɔsoro ɔbɔfo na ɔkasa kyerɛɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

29 Nnipakuo a na wɔwɔ hɔ no tee nne no, wɔkaa sɛ aprannaa na ɛrebobɔ mu. Ebinom nso kaa sɛ, ɔsoro ɔbɔfoɔ na ɔkasa kyerɛɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

29 Ɛnna nkurɔfokuw a wogyina hɔ na wɔtee no kae sɛ: Ɔprannaa abom! Ebinom se: Ɔbɔfo ne no kasae.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 12:29
12 Referencias Cruzadas  

Wowɔ nsa sɛ Nyankopɔn deɛ, na wobɛtumi de nne a ɛte sɛ ne deɛ abom?


Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no anɔpa no, aprannaa ne anyinam ne mununkum duruduro ne totorobɛnto nne a ɛyɛ den yie baa bepɔ no so. Na ɔman a wɔwɔ nsraban no mu nyinaa ho popoe.


Na ɔman no nyinaa hunuu aprannaa ne anyinam a ɛpapaeɛ ne totorobɛnto nne ne bepɔ a ɛfiri wisie no. Na ɔman no hunuiɛ no, wɔn ho popoe, na wɔkɔgyinaa akyirikyiri.


Na ɔtee Kerubim no ntaban mu gyegyeɛ no kɔsii ɛho fam abannwa no so, sɛ Onyankopɔn Tumfoɔ a ɔrekasa no nne.


Na mmarima a wɔne no nam no atotɔre mum gyinagyina hɔ, wɔtee nne no deɛ, nanso wɔanhunu obiara.


Na wɔhinii Nyankopɔn asɔredan no ɔsoro, na wɔhunuu n’apam adaka no n’asɔredan no mu. Na anyinam, ne ɛnne, ne aprannaa, ne asasewosoɔ ne asukɔtweaaguo kɛseɛ bae.


Na metee nne bi firi soro te sɛ nsuo bebree nne, ne aprannaa kɛseɛ nne. Na ɛnne a meteeɛ no te sɛ sankubɔfoɔ a wɔrebɔ wɔn asankuo.


Na mehunuu sɛ adwammaa no tee nsɔano no mu baako ano, na metee sɛ ateasefoɔ baanan no mu baako de nne a ɛte sɛ aprannaa kaa sɛ: Bra!


Na ɔbɔfoɔ no faa ohwam kuruwa no de afɔrebukyia no so gya bi hyɛɛ mu ma, na ɔto guu asase so. Na aprannaa, ne nne ahodoɔ ne anyinam ne asasewosoɔ bae.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios