Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 12:28 - New Revised Asante Twi Bible

28 Agya, hyɛ wo din animuonyam! Ɛnna ɛnne bi firi soro baeɛ: Mahyɛ no animuonyam dada, na mɛhyɛ no bio.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

28 Agya, hyɛ wo din animuonyam! Ɛnna ɛnne bi firi soro baeɛ: Mahyɛ no animuonyam dada, na mɛhyɛ no bio.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

28 Agya, hyɛ wo din anuonyam!” Ɔkasa wiee no, nne bi fi ɔsoro kae se, “Mahyɛ no anuonyam dedaw na mɛsan mahyɛ no bio.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

28 Agya, hyɛ wo din animuonyam!” Ɔkasa wieeɛ no, nne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Mahyɛ no animuonyam dada na mɛsane mahyɛ no bio.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

28 Agya, hyɛ wo din anuonyam! Ɛnna ɛnne bi fi soro bae sɛ: Mahyɛ no anuonyam dedaw, na mɛhyɛ no bio!

Ver Capítulo Copiar




Yohane 12:28
22 Referencias Cruzadas  

Saa berɛ no ara mu Yesu kaa sɛ: Agya, ɔsoro ne asase wura, meyi wo ayɛ sɛ wode nnoɔma yi ahunta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi akyerɛ nkɔkoaa.


Aane, Agya, saa na ɛyɛ anisɔ w’anim.


Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Montie no!


Ɔkɔɔ bio ne mprenu so kɔbɔɔ mpaeɛ sɛ: M’agya, sɛ yei rensiane me ho nkɔ na gye sɛ menom a, wo pɛ nyɛ hɔ.


Na hwɛ, ɛnne bi firi soro kaa sɛ: Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ m’ani.


Na ɛnne bi firi soro baa sɛ: Wone me dɔba a wosɔ m’ani!


Na ɔkaa sɛ: Aba, Agya! Wotumi nnoɔma nyinaa yɛ; yi kuruwa yi firi me so kɔ! Nanso ɛnyɛ deɛ mepɛ, na deɛ wopɛ.


Na mununkum bi ba bɛkataa wɔn so, na ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba, montie no!


na Honhom Kronkron sianee honam tebea mu te sɛ aburuburo baa ne so, na ɛnne bi firi soro kaa sɛ: Wone me dɔba, wo na wosɔ m’ani.


Na ɛnne bi firii mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me ba a mayi no, montie no!


Na Yesu teeɛ no, ɔkaa sɛ: Yadeɛ yi nyɛ owuo yadeɛ, na Nyankopɔn animuonyam ntira, sɛ wɔbɛfa so ahyɛ Nyankopɔn Ba no animuonyam.


Ɛnna Yesu see Petro sɛ: Fa nkrantɛ no hyɛ bɔha mu! Kuruwa a m’Agya de ama me no, mennnom anaa?


Yesu buaa sɛ: Ɛnyɛ oyi, anaa n’awofoɔ na wɔyɛɛ bɔne, na mmom sɛ Nyankopɔn nnwuma bɛda adi wɔ ne mu ntira.


sɛ wiase a ɛreba no mu ɔbɛyi n’adom ahonya a ɛboro soɔ no adi wɔ ayamyɛ a ɔyɛ yɛn Kristo Yesu mu mu.


sɛ afei wɔmfa asafo no so mma mpaninnie ne tumi ahodoɔ a ɛwɔ soro hɔnom nhunu Nyankopɔn nyansa bebree no,


ɔno na animuonyam nka no asafo no mu, Kristo Yesu mu, mfa nkɔ berɛsanten a ɛbɛba no ntoatoasoɔ nyinaa mu. Amen.


Na ɔnyaa anidie ne animuonyam firii Agya Nyankopɔn nkyɛn no, ɛne sɛ saa nne yi firii animuonyam a ɛsɛ ɔkɛseɛ no, baa ne so sɛ: Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ m’ani no,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios