Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 12:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 Afei me kra ho yera no; na ɛdeɛn na menka? Agya, gye me firi dɔn yi mu! Nanso yei nti na mebaa dɔn yi mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

27 Afei me kra ho yera no; na ɛdeɛn na menka? Agya, gye me firi dɔn yi mu! Nanso yei nti na mebaa dɔn yi mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Yesu kae se, “Afei de, me kra ho yeraw no na asɛm bɛn na menka? Menka se, ‘Agya, gye me fi saa amanehunu yi mu ana?’ Nanso, eyi nti na wosomaa me baa wiase sɛ mimmehu amane.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Yesu kaa sɛ, “Afei deɛ, me kra ho yera no na asɛm bɛn na menka? Menka sɛ, ‘Agya, gye me firi saa amanehunu yi mu anaa?’ Nanso, yei enti na wosomaa me baa ewiase sɛ memmɛhunu amane.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

27 Afei me kra ho yeraw no; na ɛdɛn na menka? Agya, gye me fi dɔn yi mu! Nanso eyi nti na mebaa dɔn yi mu.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 12:27
24 Referencias Cruzadas  

na me kra nso abɔ huboaa sɛ. Na wo, AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn?


Na nnebɔne afono me kra, na me kra rebɛn Asamando.


Menka sɛn? Waka akyerɛ me na ɔno ara ayɛ. Me nna nyinaa afiri m’ani so, me kra awerɛhoɔ no nti.


Wɔbuu no animtia, na nnipa poo no, ɔyɛ onipa a ɔhunuu ayayadeɛ na ɔnim yadeɛ, na wɔbuu no animtia sɛ obi a nnipa yi wɔn ani hunta no, na yɛammu no hwee.


Saa berɛ no ara mu Yesu kaa sɛ: Agya, ɔsoro ne asase wura, meyi wo ayɛ sɛ wode nnoɔma yi ahunta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi akyerɛ nkɔkoaa.


Aane, Agya, saa na ɛyɛ anisɔ w’anim.


Ɔkɔɔ bio ne mprenu so kɔbɔɔ mpaeɛ sɛ: M’agya, sɛ yei rensiane me ho nkɔ na gye sɛ menom a, wo pɛ nyɛ hɔ.


Ɛnna ɔbaa asuafoɔ no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Afei deɛ, monna na monhome! Hwɛ, dɔn no aduru a wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa.


Na ɔwɔ owuo yea mu no, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den. Na ne ho fifire yɛɛ sɛ mogya ntowantowa a ɛsosɔ fam.


Me ne mo wɔ asɔrefie hɔ daa no, moankye me; na yei ne mo berɛ ne esum tumi.


Ɛnna wɔyii ɔboɔ no. Na Yesu maa n’ani so kaa sɛ: Agya, meda wo ase sɛ woatie me.


Na Yesu buaa wɔn sɛ: Dɔn no aduru sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no animuonyam.


Yesu kaa saa no, ne ho yeraa no honhom mu, na ɔdii adanseɛ sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mo mu baako bɛyi me ama.


Ɛnna Pilato see no sɛ: Na woyɛ ɔhene ne no? Yesu buaa sɛ: Wo na woreka sɛ meyɛ ɔhene. Me deɛ, yei nti na wɔwoo me, na mebaa wiase, sɛ merebɛdi nokorɛ no ho adanseɛ; obiara a ɔfiri nokorɛ no mu no tie me nne.


Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye koraa, sɛ Kristo Yesu baa wiase bɛgyee nnebɔneyɛfoɔ a me na medi wɔn mu kan.


Enti sɛ mma no anya honam ne mogya korɔ no bie no, saa ara na ɔno nso faa mu bi, sɛ ɔnam owuo so bɛtu deɛ ɔwɔ owuo tumi a ɔne ɔbonsam no,


Ɔno a ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotosrɛ brɛɛ deɛ ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu wɔ nteamu a emu yɛ den ne nisuo mu, na ahobrɛaseɛ suro nti wɔtiee no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios