Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 12:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Ɛnna Farisifoɔ no kaa no wɔn mu sɛ: Mohunu sɛ montumi nyɛ ho hwee; hwɛ, wiase atu di n’akyi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Ɛnna Farisifoɔ no kaa no wɔn mu sɛ: Mohunu sɛ montumi nyɛ ho hwee; hwɛ, wiase atu di n’akyi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Farisifo no huu nea ɛrekɔ so no, wɔkae se, “Anyɛ yiye! Monhwɛ sɛ nnipa no nyinaa atu adi nʼakyi!”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Farisifoɔ no hunuu deɛ ɛrekɔ so no, wɔkaa sɛ, “Anyɛ yie! Monhwɛ sɛ nnipa no nyinaa atu adi nʼakyi!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Ɛnna Farisifo no ka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Muhu sɛ muntumi nyɛ ho hwee; hwɛ, wiase atu adi n’akyi.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 12:19
14 Referencias Cruzadas  

Asase ano ano sofoɔ nyinaa bɛkae adane aba AWURADE nkyɛn, na amanaman mmusuakuo nyinaa abɛkoto n’anim.


Aman nyinaa, montie yei, mo a mote wiase nyinaa, monyɛ aso.


Nna a ɛbɛba no mu Yakob bɛgye nhini, na Israel afefɛ agu nhyerɛne, na wɔde aba ahyɛ wiase ani mama.


Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no hunuu anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ, ne mmɔfra a wɔteateaa mu asɔrefie sɛ: Hosiana Dawid ba no no, anyɛ wɔn abodwo,


Yei nti nso na nkurɔfokuo no kɔhyiaa no, ɛfiri sɛ wɔate sɛ wayɛ saa nsɛnkyerɛnneɛ no.


Na Helafoɔ bi wɔ wɔn a wɔbaa sɛ wɔrebɛsɔre afahyɛ no ase no mu;


sɛ wɔn nyinaa nyɛ baako, sɛdeɛ wo, Agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu; sɛ wɔn nso nyɛ baako wɔ yɛn mu, na wiase nnye nni sɛ wo na wosomaa me.


Na wɔbaa Yohane nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Rabi, deɛ ɔbaa wo nkyɛn Yordan agya nohoa a wodii ne ho adanseɛ no, hwɛ, ɔno nso rebɔ asu, na nnipa nyinaa rekɔ ne nkyɛn.


Na wɔanhu wɔn no, wɔtwee Yason ne anuanom no bi kɔmaa kuro no mu mpanimfoɔ, na wɔteateaa mu sɛ: Yeinom a wɔadane wiase ani abutuo no aba ha nso!


Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn deɛ ho nko, na mmom wiase nyinaa deɛ ho bi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios