Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 11:52 - New Revised Asante Twi Bible

52 na ɛnyɛ ɔman no nko, na sɛ ɔbɛka Nyankopɔn mma a wɔapete no nyinaa nso abɔ mu ayɛ wɔn baako.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

52 na ɛnyɛ ɔman no nko, na sɛ ɔbɛka Nyankopɔn mma a wɔapete no nyinaa nso abɔ mu ayɛ wɔn baako.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

52 na ɛnyɛ wɔn nko, na mmom ɛnam eyi so bɛma Onyankopɔn mma a wɔabɔ ahwete no nyinaa ano aboa na wɔayɛ ɔman baako.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

52 na ɛnyɛ wɔn nko, na mmom, ɛnam yei so bɛma Onyankopɔn mma a wɔabɔ ahwete no nyinaa ano aboa, na wɔayɛ ɔman baako.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

52 na ɛnyɛ ɔman no nko, na sɛ ɔbɛka Onyankopɔn mma a wɔapete no nyinaa nso abom ayɛ wɔn biako.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 11:52
40 Referencias Cruzadas  

Ahempoma remfiri Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfiri ne nan ntam de kɔsi sɛ ɛsodifoɔ a aman bɛyɛ setie ama no no bɛba.


M’ahoɔden mu awe sɛ kyɛmferɛ, na me tɛkyerɛma afam me dodom, na wode me ato owuo mfuturo mu.


Asase ano ano sofoɔ nyinaa bɛkae adane aba AWURADE nkyɛn, na amanaman mmusuakuo nyinaa abɛkoto n’anim.


na nhyira ne n’animuonyam din daa, na n’animuonyam nhyɛ asase nyinaa ma. Amen ne Amen.


Ma w’ani so hwɛ wo ho hyia, yeinom nyinaa rehyia aba wo nkyɛn. Sɛ mete aseɛ yie, AWURADE na ɔseɛ, wobɛhyɛ wɔn nyinaa sɛ ahyehyɛdeɛ, na wode wɔn abɔ abɔsoɔ, sɛ ayeforɔ.


ɔse: Ɛyɛ hare sɛ wobɛyɛ m’akoa na woama Yakob mmusuakuo soɔ, na wode Israel mu wɔn a wɔakora wɔn no asane aba; na mede wo bɛyɛ amanaman hann, na woayɛ me nkwagyeɛ akɔduru asase ano.


Hwɛ, wobɛfrɛ ɔman a wonni wɔn aba, na aman a wɔnni woɔ no de mmirika bɛba wo nkyɛn, AWURADE wo Nyankopɔn nti ne Israel Kronkronni no nti, ɛfiri sɛ wahyɛ wo animuonyam.


AWURADE Nyankopɔn a ɔboa Israel adamfikyi ano no asɛm nie: Mɛkɔ so maboa nnipa ano mapae wɔn a wɔaboa wɔn ano no so.


Ma w’ani so hwɛ wo ho hyia, na hwɛ; wɔn nyinaa aboa ano reba wo nkyɛn; wo mmabanin firi akyirikyiri reba, na wo mmammaa nso, wɔturu wɔn wɔn nkyɛn mu reba.


Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwehwɛ ne nnwankuo akyiri kwan da a ɔwɔ ne nnwan a wɔabɔ apete no mu no, saa ara na mɛhwehwɛ me nnwan akyiri kwan, na mɛyi wɔn afiri deɛ wɔapansam wɔn korɔ nyinaa, mununkum ne sum kabii da no.


Nanso Israel mma dodoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea a wɔnsusuo na wɔnkan no; na faako a wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ me man ne mo no, wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Nyankopɔn teasefoɔ mma.


Anaasɛ ɔbaa bɛn na ɔwɔ nnwetɛbena du, na emu baako yera a, ɔrensɔ kanea, na ɔmpra ɛdan no mu, na ɔnhwehwɛ yie nkɔsi sɛ ɔbɛhunu?


kanea a ɛbɛma amanaman so ateɛ na ɛbɛhyɛ wo man Israel animuonyam.


Na dodoɔ a wɔgyee no no, wɔn a wɔgyee ne din diiɛ no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Nyankopɔn mma


Adeɛ kyeeɛ no, Yohane hunuu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔse: Hwɛ Nyankopɔn adwammaa a ɔyi wiase bɔne korɔ no nie.


Na mewɔ nnwan foforɔ a wɔmfiri ban yi mu; wɔn nso na ɛtwa sɛ mede wɔn meba, na wɔbɛtie me nne, na ayɛ kuo baako ne ɔhwɛfoɔ baako.


Na me deɛ, sɛ wɔma me so firi asase so a, mɛtwe nnipa nyinaa maba me nkyɛn.


Ɛfiri sɛ meka wo ho, na obiara renka wo mmɛyɛ wo hwee; na mewɔ nkurɔfoɔ pii kuro yi mu.


Onyankopɔn yɛ Yudafoɔ nko ara dea anaa? Ɔnyɛ amanaman mufoɔ no nso dea bi anaa? Ampa, ɔyɛ amanaman mufoɔ dea nso.


sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Mede wo mayɛ amanaman mufoɔ bebree agya,) Onyankopɔn a ɔgyee no diiɛ a ɔnyane awufoɔ, na ɔfrɛ nnoɔma a ɛmmaeɛ sɛ nnoɔma a ɛwɔ hɔ no anim.


Ɔyii yɛn too hɔ sɛ ɔnam Yesu Kristo so bɛfa yɛn abayɛ mu, sɛdeɛ ne pɛ anisɔ teɛ,


sɛdeɛ ne tirim a ɔbɔɔ no teteete yɛn Awurade Kristo Yesu mu no teɛ no.


Yakobo, Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, kyea mmusuakuo dummienu a wɔahweteɛ no.


Petro, Yesu Kristo somafoɔ, de kɔma wɔn a wɔahwete kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia no mu, amamfrafoɔ a wɔayi wɔn,


Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn deɛ ho nko, na mmom wiase nyinaa deɛ ho bi.


Monhwɛ ɔdɔ ko a Agya no de adɔ yɛn, sɛ wɔmfrɛ yɛn Nyankopɔn mma, na yɛyɛ nso. Yei nti wiase nhu yɛn, ɛfiri sɛ ɛnhunuu no.


Yei mu na Nyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adie. Obiara a ɔnyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɔnnɔ ne nua no mfiri Onyankopɔn.


Adɔfo, afei yɛyɛ Nyankopɔn mma, na deɛ yɛbɛyɛ no nnya nnaa adi. Na yɛnim sɛ, sɛ ɔyi ne ho adi a, yɛbɛyɛ sɛ ɔno, ɛfiri sɛ yɛbɛhu no sɛdeɛ ɔteɛ.


Na wɔtoo dwom foforɔ sɛ: Wofata sɛ wogye nwoma no na wobue ne nsɔano no, ɛfiri sɛ wɔaku wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afiri mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfoɔ ne aman nyinaa mu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios