Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 11:35 - New Revised Asante Twi Bible

35 Yesu sui.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

35 Yesu sui.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

35 Yesu sui.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

35 Yesu suiɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

35 Yesu sui.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 11:35
17 Referencias Cruzadas  

Na Yosef yɛɛ no ntɛm, ɛfiri sɛ na ɔnhunu deɛ ɔnyɛ wɔ ne nua no ho, na na ɔrehwehwɛ baabi akɔsu, na ɔhyɛnee ne pia mu kɔsuu wɔ hɔ.


Mansu mamma deɛ ɔwɔ amaneɛ mu, ohiani anyɛ me kra mmɔbɔ anaa?


Asutene sene m’aniwa mu gu, ɛfiri sɛ nnipa nni wo mmara so.


Wɔbuu no animtia, na nnipa poo no, ɔyɛ onipa a ɔhunuu ayayadeɛ na ɔnim yadeɛ, na wɔbuu no animtia sɛ obi a nnipa yi wɔn ani hunta no, na yɛammu no hwee.


Wɔn ahohia nyinaa mu no, ne ho hiahiaa no, na n’anim bɔfoɔ no gyee wɔn; ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu na ɔgyee wɔn, na ɔmemaa wɔn so, na ɔsoaa wɔn tete nna no nyinaa.


Na sɛ moantie a, me kra bɛsu kokoam, mo ahantan nti, na m’ani afiri nisuo ara, na nisuo aporepore me, sɛ wɔafa AWURADE nnwankuo no nnommum mu.


Enti ka nsɛm yi kyerɛ wɔn sɛ: M’ani porepore nisuo anadwo ne awia, na ɛnnyae, ɛfiri sɛ wɔde bobɔ kɛseɛ abobɔ me man babaa baabunu, wɔapira no ma no ayɛ ya sɛ.


O sɛ me tiri yɛɛ nsuo na m’ani yɛɛ nisuo abura a, anka mɛsu me man babaa wuo no awia ne anadwo.


Yeinom nti na mesu. M’aniwa kyi nisuo gu fam, ɛfiri sɛ me werɛkyekyefoɔ a ɔbɛdwodwo me kra ne me ntam ware; me mma ayɛ pasaa, ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ adi nim.


Na wɔretie yeinom no, ɔtoaa so buu bɛ bi, ɛfiri sɛ na wabɛn Yerusalem, na nkurɔfokuo no susuu sɛ Nyankopɔn ahennie rebɛyi ne ho adi amonom hɔ ara. Enti Yesu kaa sɛ:


Na ɔbɛneeɛ no, ɔhwɛɛ kuro no suu wɔ so sɛ:


Ɛnna Yesu hunuu no sɛ ɔresu na Yudafoɔ a wɔne no baeɛ nso resu no, ɔguu ahome honhom mu, na ne ho yeraa no,


na ɔkaa sɛ: Ɛhe na mode no toeɛ? Wɔsee no sɛ: Awurade, bra bɛhwɛ!


Na yɛnni ɔsɔfo panin a ɔnnim yɛn mmerɛyɛ na ɔnni tema mma yɛn, na mmom deɛ wɔasɔ no ahwɛ adeɛ nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso wannyɛ bɔne.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios