Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yoel 2:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na mo, Sion mma, monni ahurisie na mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn ho, na ɔma mo asuso sɛdeɛ ɛfata, na ɔma osuo tɔ ma mo, asuso ne bereamporɔsuo, kane ansa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Na mo, Sion mma, monni ahurisie na mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn ho, na ɔma mo asuso sɛdeɛ ɛfata, na ɔma osuo tɔ ma mo, asuso ne bereamporɔsuo, kane ansa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Momma mo ani nnye, mo Sion mma, Munni ahurusi wɔ Awurade mo Nyankopɔn mu, efisɛ watɔ asusowsu ama mo, ne nokwaredi nti. Watɔ osu bebree ama mo wɔ ne bere mu te sɛ kan no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Momma mo ani nnye, mo Sion mma, Mo nni ahurisi wɔ Awurade mo Onyankopɔn mu, ɛfiri sɛ watɔ nsuo ama mo, ne nokorɛdie enti. Watɔ nsuo bebree ama mo wɔ ne berɛ mu te sɛ kane no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Na mo, Sion mma, munni ahurusi na mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn ho, na ɔma mo asusow sɛ ɛfata, na ɔma osu tɔ ma mo, asusow ne adonsu, kan ansa.

Ver Capítulo Copiar




Yoel 2:23
42 Referencias Cruzadas  

ɛnneɛ wo ara tie wɔ ɔsoro, na fa wo nkoa ne wo man Israel bɔne kyɛ, na kyerɛ wɔn ɔkwan pa a wɔmfa soɔ, na ma osuo ntɔ ngu w’asase a wode maa wo man sɛ agyapadeɛ no so.


Sɛ ɔbɔfoɔ dimafoɔ wɔ hɔ ma no, apem no mu ɔbaako, sɛ ɔrekyerɛ onipa deɛ ɛtene ma no a,


sɛ ɛyɛ atenetene nti oo, sɛ ɛyɛ n’asase nti oo, sɛ ɛyɛ n’adɔeɛ so oo, ɔma no ba ara.


Ɔmma m’adwene yi nyɛ no fɛ, na me nso m’ani bɛgye AWURADE ho.


Ɔno na ɔde mununkum kata ɔsoro, ɔsiesie osuo ma asase, ɔma wira fifiri mmepɔ so.


Ma Israel ani nnye ne yɛfoɔ ho, ma Sion mma nni wɔn hene ho ahurisie.


AWURADE ne m’ahoɔden ne me kyɛm. Mede m’akoma mato ne so, na waboa me, enti m’akoma ho asane no, na mede me dwom meda no ase.


Ateneneefoɔ, momma mo ani nnye AWURADE ho, na monni ahurisie! Akoma mu teefoɔ nyinaa, momfa anigyeɛ nhuro!


Wɔtwam nisuo bɔn no mu a, wɔdanedane no deɛ mmasuo wɔ, bereamporɔsuo nso de nhyira pii kata so.


Ɔhene animteɛ mu na nkwa wɔ, na n’anisɔ te sɛ bereamporɔberɛ mu mununkum.


Na w’aso nso bɛte w’akyiri asɛm bi sɛ: Yei ne kwan, sɛ mofa nifa oo, mofa benkum oo, monnante so.


Na ɔbɛma osuo atɔ agu mo aba a moagu no fam ne asase nnɔbaeɛ aduane so, na ayɛ aduane pa sɔɔsɔɔ; mo mmoakuo bɛdidi da no, adidibea a ɛtrɛ so;


Wobɛhu wɔn so, na mframa asoa akɔ, na ahum abɔ apete. Na wo deɛ, wobɛdi AWURADE mu ahurisie de Israel Kronkronni no ahyehyɛ wo ho.


AWURADE mu na me ho sɛpɛ me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurisie, ɛfiri sɛ ɔde nkwagyeɛ atadeɛ ahyɛ me, ɔde tenenee batakari asi me, sɛ ayeforɔkunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotire, ne ayeforɔ a ɔde ne nnwinneɛ hyehyɛ ne ho.


Enti asusɔ atwa na bereamporɔsuo ntɔ. Nanso w’anim te sɛ ɔbaa dwamamfoɔ deɛ ara na wonnim aniwuo.


na wɔnka no wɔn akoma mu sɛ: Momma yɛnsuro AWURADE yɛn Nyankopɔn, na ɔno na ɔma osuo tɔ wɔ ne berɛ mu, asusɔ ne bereamporɔsuo, ɔhwɛ twaberɛ nnapɛn a wahyɛ no so ma yɛn.


Sion mma a wɔn boɔ yɛ den a wɔde sika amapa kari wɔn no, ɛsii sɛn na wɔbuu wɔn sɛ dɔteɛ nkukuo, ɔnwomfoɔ nsa ano adwuma yi?


Na mɛma wɔn ne nsase a ɛdeda me kokoɔ ho hyia no ayɛ nhyira, na mɛma osuo atɔ ne berɛ mu; ɛbɛyɛ nhyira nsuo.


Na momma yɛnhunu na yɛnti AWURADE nimdeɛ no. Wɔasiesie n’adifire sɛ adekyeeɛ, na ɔbɛba ama yɛn sɛ osutorɔ, sɛ bereamporɔsuo a ɛtɔ gu asase soɔ.


ɛnneɛ mɛma osuo atɔ ama mo ne berɛ mu, na asase no ama ne nnɔbaeɛ, na mfuo mu nnua aso aba;


Na me nso mekamee mo osutorɔ abosome mmiɛnsa a ɛdi otwa anim no mu, na metɔɔ osuo guu kuro baako so, na mantɔ bi angu kuro baako so. Afuo baako nyaa osuo, na afuo a ebi antɔ angu soɔ no hyee.


Mommisa AWURADE hɔ osuo bereamporɔberɛ mu! AWURADE ma asraman paepae, na ɔbɛma osuo atɔ pii ama wɔn, na wɔn nyinaa anyinya mfuo mu nnuane.


Na Efraim bɛyɛ sɛ dɔmmarima, na nsa nti wɔn akoma bɛtɔ wɔn yam, na wɔn mma nso bɛhunu na wɔn ani agye, na wɔn akoma adi AWURADE mu ahurisie.


Na makom Yuda sɛ tadua mafa, mede Efraim mahyɛ mu, na makanyan wo mmabanin, Sion, mahyɛ wo mmabanin, Hela, na mede wo mayɛ sɛ dɔmmarima afena.


Di ahurisie pii, Sion babaa, huro, Yerusalem babaa! Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔtene, na ɔwɔ nkwagyeɛ; ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumuburuwa a ɔyɛ afunumubereɛ ba so.


nanso wannyae ne ho adansedie, yɛɛ yie maa mo nsuo firi soro ne berɛ a aduane ba, na ɔde aduane ne anigyeɛ maa mo abotɔyam.


ɛnneɛ mɛma mo asase so osuo atɔ ne berɛ mu, asusɔ ne bereamporɔ, na woaboaboa w’aburoo ne wo nsa ne wo ngo ano,


AWURADE bɛbue n’adepa korabea a ɛyɛ ɔsoro no ama wo, na atɔ w’asase so osuo ne berɛ mu, na wahyira wo nsa ano adwuma nyinaa; na wode bɛfɛm amanaman pii, na wo deɛ, woremfɛm obi hɔ biribi.


Me nkyerɛkyerɛ nsosɔ sɛ nsuo, na me kasa ngu sɛ obosuo, sɛ wira so mfetema ne nhahan so hasuo.


Afei deɛ ɛdi akyire, me nuanom, momma mo ani nnye Awurade mu. Sɛ metwerɛ mo ade korɔ no ara a, ɛnyɛ adeɛ a ɛha me, na mmom, ɛma motim.


Na yɛne twetiatwafoɔ no, yɛn a yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam soɔ.


Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios