Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yoel 2:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na afei AWURADE twee n’asase ho ninkunu, na ɔhunuu ne man mmɔbɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Na afei AWURADE twee n’asase ho ninkunu, na ɔhunuu ne man mmɔbɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Na Awurade bɛtwe ninkunu wɔ nʼasase ho na ne nkurɔfo ayɛ no mmɔbɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Na Awurade bɛtwe ninkunu wɔ nʼasase ho na ne nkurɔfoɔ ayɛ no mmɔbɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Na afei AWURADE twee n’asase ho ninkunu, na ohuu ne man mmɔbɔ.

Ver Capítulo Copiar




Yoel 2:18
19 Referencias Cruzadas  

Na Yerusalem na nnipa nkaeɛ bi bɛfire, na nnipa a wɔafiri mu anya nkwa nso afiri Sion bepɔ so, AWURADE ninkuntwe na ɛbɛyɛ yei.


Sɛ agya yam hyehye no ne mma ho no, sɛ AWURADE yam yɛ no wɔn a wɔsuro no ho ne no.


Na AWURADE adɔeɛ firi daa kɔ daa, wɔn a wɔsuro no so, na ne tenenee wɔ hɔ ma mma mma,


na Yerusalem na nkaeɛ bi bɛfire, na wɔn a wɔafiri mu afire no afiri Sion bepɔ so, asafo AWURADE ninkuntwe na ɛbɛyɛ yei.


AWURADE bɛfiri adi sɛ dɔmmarima, ɔbɛhwanyan n’abufuo mu sɛ ɔkofoni; ɔbɛhuro, ɔbɛbɔ ose; ɔbɛdi n’atamfo so mmaninsɛm.


Na ananafoɔ bɛto w’afasuo, na wɔn ahemfo asom wo; na m’abufuo mu na mehwee woɔ, na m’adɔeɛyɛ mu na mahu wo mmɔbɔ.


Brɛ w’ani ase firi soro, na firi wo kronkronyɛ ne w’animuonyam tenabea hɔ hwɛ. Ɛhe na wo ninkuntwe ne wo mmaninneɛ no wɔ? W’ayamhyehyeɛ ne wo mmɔborɔhunu no afiri me ho.


Wɔn ahohia nyinaa mu no, ne ho hiahiaa no, na n’anim bɔfoɔ no gyee wɔn; ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu na ɔgyee wɔn, na ɔmemaa wɔn so, na ɔsoaa wɔn tete nna no nyinaa.


Efraim yɛ me ɔdɔ ba? Anaa abotɔyam ba? Sɛ dodoɔ ara a mekasa mekyerɛ no yi, nkaeɛ ara na meda so mekae no? Ɛno nti na me nsono mu twitwa ma no, ɔno ho hyehyeɛ na me yam hyehye me ma no, AWURADE asɛm nie.


Ɛyɛ AWURADE adɔeɛyɛ nti na yɛnwiee sa, na ne mmɔborɔhunu to ntwae.


Na ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no ka kyerɛɛ me sɛ: Pae ka sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Ninkunu kɛseɛ na matwe no Yerusalem ne Sion ho,


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Metwe Sion ho ninkunu kɛseɛ, na anibereɛ kɛseɛ na mede metwe ne ho ninkunu.


Na ɔsɔre baa n’agya nkyɛn. Na ɔda so wɔ akyirikyiri no, n’agya hunuu no, na ne yam hyehyee no, na ɔtutuu mmirika kɔyɛɛ no atuu, na ɔfee n’ano.


Wɔde ananafoɔ anyame maa no twee ninkunu, wɔde akyiwadeɛ huruu ne bo.


Na AWURADE bɛbu ne man atɛn, na ne nkoa bɛyɛ no mmɔbɔ, berɛ a ɔbɛhunu sɛ wɔahodwo koraa, na akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ bio.


Amanaman, mo ne ne man mmɔ anigyese, ɛfiri sɛ ɔbɛtɔ ne nkoa mogya so were, na ɔde aweretɔ bɛtua n’atamfo ka, na wapata ama n’asase, ne man.


Hwɛ, yɛbu wɔn a wɔhunuu amane, too wɔn bo ase wɔ mu no ahotɔfoɔ. Moate Hiob amanehunu mu boasetɔ no, na moahunu sɛdeɛ Awurade maa no wiee no, sɛdeɛ Awurade ayamyɛ dɔɔso, na ɔyɛ timmɔborɔ.


Na wɔyiyii anyame ananafoɔ no firii wɔn mu, na wɔsomm AWURADE; na Israel amanehunu no yɛɛ ne kra ahomete.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios