Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yoel 2:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Ebia, obi nnim, ɔbɛsane na wasakyera n’adwene, na wagya n’akyiri nhyira, a ɛyɛ aduane ayɛyɛdeɛ ne ahwiesa a wɔde bɛkyɛ AWURADE mo Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Ebia, obi nnim, ɔbɛsane na wasakyera n’adwene, na wagya n’akyiri nhyira, a ɛyɛ aduane ayɛyɛdeɛ ne ahwiesa a wɔde bɛkyɛ AWURADE mo Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Hena na onim? Ebia ɔbɛsesa nʼadwene na wahu mmɔbɔ na wagyaw nhyira, a ɛyɛ aduan ne ahwiesa afɔrebɔde a mode ma Awurade mo Nyankopɔn no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Hwan na ɔnim? Ebia ɔbɛsesa nʼadwene na wahunu mmɔbɔ na wagya nhyira, a ɛyɛ aduane ne hwiesa afɔrebɔdeɛ a mode ma Awurade mo Onyankopɔn no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Ebia, obi nnim, ɔbɛsakra n’adwene, na wagyaw n’akyi nhyira, a ɛyɛ aduan ayɛyɛde ne ahwiesa a wɔde bɛkyɛ AWURADE mo Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar




Yoel 2:14
20 Referencias Cruzadas  

Obi nnim sɛ ebia Onyankopɔn bɛsesa n’adwene wɔ adeɛ wɔrebɛyɛ no ho, na wadane afiri n’abufuhyeɛ no ho, na wansɛe yɛn.


Na aba bi da so wɔ ɛsan so? Bobe ne borɔdɔma ne atoaa aba ne ngodua ɛso anaa? Ɛda yi na mɛfiri aseɛ mahyira mo.


Asɔfoɔ, momfira ayitoma na mommɔ bena, afɔrebukyia asomfoɔ, montwa adwo, me Nyankopɔn asomfoɔ, mommra mmɛda ayitoma mu anadwo nyinaa! na aduane ayɛyɛdeɛ ne ahwiesa agyae mo Nyankopɔn fie ba.


Monhwehwɛ AWURADE, asase sofoɔ a mobrɛ mo ho aseɛ nyinaa a moyɛ n’atemmudeɛ! Monhwehwɛ tenenee, monhwehwɛ ahobrɛaseɛ. Ebia wɔbɛkora mo, AWURADE abufuo da no.


Ɛnna ɛhyɛn mu panin no kɔɔ Yona nkyɛn, na ɔbisaa no sɛ: Worepɛ akyerɛ sɛn nti a wada hatee saa yi? Sɔre su frɛ wo nyame, sɛ ebia ɔbɛdwene yɛn ho na yɛantotɔ wɔ ha.


Montane bɔne na monnɔ papa, na momma atɛmpa ntim kuro apono mu; ebia AWURADE, asafo Nyankopɔn bɛhunu Yosef nkaeɛ no mmɔbɔ.


Ebia AWURADE wo Nyankopɔn bɛte Rabsake no a ne wura Asiria hene asoma no sɛ ɔmmɛsopa Onyankopɔn teasefoɔ no nsɛm, na nsɛm a AWURADE wo Nyankopɔn ateɛ no nti, watwe n’aso. Enti ma wo mpaebɔ so ma nnipa nkaeɛ a wɔwɔ hɔ no.


Ɔkaa sɛ: Akokoaa no da so te aseɛ no, mebua dae na mesui, na mese: Hwan na ɔnim sɛ ebia AWURADE bɛdom me na akɔkoaa no anya nkwa;


Na adeɛ kyeeɛ no, Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mo deɛ, moayɛ bɔne kɛse, na afei mɛforo makɔ AWURADE nkyɛn, ebia mɛtumi mapata ama mo bɔne no.


na ɔde ɔdwoɔ kasa kyerɛ wɔn a wɔne no di asie wɔ nsɛm mu, sɛ ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakyera akɔ nokorɛ no hunu mu,


Wɔantwa aduane amfiri yɛn anim, na anigyeɛ ne ahosɛpɛ amfiri yɛn Nyankopɔn fie anaa?


Wɔatwa aduane ayɛyɛdeɛ ne ahwiesa afiri AWURADE fie; asɔfoɔ no, AWURADE asomfo no, di abooboo.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛdeɛ nsa ba bobe aba esia mu a wɔka sɛ: Nsɛe no, na nhyira wɔ mu, no, saa ara na me nkoa nti mɛyɛ, na mansɛe wɔn nyinaa.


Enti monyɛ mo mpɔmpɔ no nsɛsoɔ ne mo nkura a wɔsɛe mo asase no nsɛsoɔ, na momfa animuonyam mma Israel Nyankopɔn: Ebia ne nsa bɛyɛ hare afiri mo ne mo anyame ne mo asase so.


Na afei, fa bepɔ yi a AWURADE kaa ho asɛm da no no ma me, ɛfiri sɛ da no ara wotee sɛ Anakfoɔ ne nkuro akɛseɛ a wɔatoto ho afasuo wɔ hɔ. Ebia AWURADE bɛdi m’akyi na matu wɔn, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.


ebia wɔbɛtie, na wɔasane afiri wɔn akwammɔne so, na manu me ho, bɔne a ɛwɔ me tirim sɛ wɔn nneyɛɛ bɔne nti mɛyɛ wɔn no ho.


na sɛ ɔman no sane firi ne bɔne a mekaa ho asɛm no mu a, ɛnneɛ mɛnu me ho adebɔne a mesusuu sɛ mɛyɛ wɔn no ho.


Na afei montenetene mo akwan ne mo nneyɛɛ, na montie AWURADE mo Nyankopɔn, na AWURADE nnu ne ho bɔne a ɔkaa no mo ho no ho.


Ebia AWURADE bɛhwɛ m’amanehunu, na AWURADE de papa ahyɛ me nnome a ɔredome me nnɛ yi ananmu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios