Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yoel 1:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Monyɛ abuadadie kronkron, mompae asɔfoɔ nhyiamu, mommoa mpanimfoɔ ano, asase sofoɔ nyinaa mmra AWURADE mo Nyankopɔn fie, na monsu mfrɛ AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Monyɛ abuadadie kronkron, mompae asɔfoɔ nhyiamu, mommoa mpanimfoɔ ano, asase sofoɔ nyinaa mmra AWURADE mo Nyankopɔn fie, na monsu mfrɛ AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Mommɔ mmuadadi kronkron ho dawuru; momfrɛ nhyiamu kronkron. Momfrɛ mpanyimfo ne wɔn a wɔte asase no so nyinaa mmra Awurade mo Nyankopɔn fi na wommesu mfrɛ Awurade.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Mommɔ mmuadadie kronkron ho dawuro; momfrɛ nhyiamu kronkron. Monfrɛ mpanimfoɔ ne wɔn a wɔte asase no so nyinaa mmra Awurade mo Onyankopɔn efie na wɔmmesu mfrɛ Awurade.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Monhyɛ abuadadi kronkron, mompae asɔfo nhyiam, mommoa mpanyimfo ano, asase sofo nyinaa mmra AWURADE mo Nyankopɔn fi, na munsu mfrɛ AWURADE.

Ver Capítulo Copiar




Yoel 1:14
15 Referencias Cruzadas  

Na Yehu kaa sɛ: Mompae nhyia kronkron mma Baal. Na wɔpaee.


Na Yudafoɔ nyinaa gyinagyina AWURADE anim, wɔn ne wɔn mma nketewa, wɔn yerenom ne wɔn mma.


Nso wɔkenkann Nyankopɔn mmara nwoma no mu daa, firii da a ɛdi kan no so ara de bɛsii da a ɛdi akyire no so. Na wɔdii nnapɔnna nnanson, na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiamu, sɛdeɛ ne yɛbea teɛ no.


Kɔhyia Yudafoɔ a wɔhu wɔn Susa nyinaa boa ano, na me nti monni mmuada, na monnnidi na monnnom nnansa awia ne anadwo. Me nso, me ne me mmaawa bɛdi mmuada saa ara, na mede saa makɔ ɔhene nkyɛn a ɛnnam mmara soɔ; na sɛ mewu a, na mawu.


Yuda di abooboo na n’aponkɛseɛ agogo, wɔboa fam si wɔn tiri ase twann, na Yerusalem nteamu foro kɔ soro.


Na Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnum, bosome a ɛtɔ so nkron no, Yerusalem mu nkurɔfoɔ nyinaa ne nkurɔfoɔ a wɔfiri Yuda nkuro mu baa Yerusalem no paee AWURADE anim mmuadadie.


Montie yei, mo mpanimfoɔ, na monyɛ aso, mo asase sofoɔ nyinaa. Saa adeɛ yi aba mo berɛ so anaa mo agyanom berɛ so pɛn?


Nnanson na momfa ogya afɔdeɛ mmrɛ AWURADE; da a ɛtɔ so nwɔtwe no nyɛ mo nhyia kronkron, na momfa ogya afɔdeɛ mmrɛ AWURADE; ɛyɛ afahyɛ awieeɛ, monnyɛ adwumaden biara.


Ɛnna Ninewefoɔ no gyee Onyankopɔn diiɛ, na wɔpaee mmuadadie, na wɔfirafiraa ayitoma firi wɔn mu nnipa akɛseɛ so kɔsii wɔn mu akumaa so.


Na nnipa ne afieboa mfirafira ayitoma, na wɔnsu dendeenden mfrɛ Onyankopɔn, na wɔnsane mfiri wɔn kwammɔne so ne amim adeɛ a ɛwowɔ wɔn nsam no ho.


Monka mo ho mmoa ano, aane, monka mmoa ano, ɔman a mo ani nwu asɛm!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios