Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 9:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na ɔman yi akwankyerɛfoɔ ma wɔfom na wɔn a wɔkyerɛ wɔn kwan no, wɔamene wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na ɔman yi akwankyerɛfoɔ ma wɔfom na wɔn a wɔkyerɛ wɔn kwan no, wɔamene wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Wɔn a wɔkyerɛ nnipa yi kwan no, nkyerɛ wɔn ɔkwan pa, na wɔn a wonya akwankyerɛ no nso, fom kwan.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Wɔn a wɔkyerɛ nnipa yi kwan no nnkyerɛ wɔn kwan pa, na wɔn a wɔnya akwankyerɛ no nso fom kwan.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na ɔman yi akwankyerɛfo ma wɔfom, na wɔn a wɔkyerɛ wɔn kwan no, wɔamene wɔn.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 9:16
15 Referencias Cruzadas  

Ɛnna asɔfoɔ ne Lewifoɔ no sɔreeɛ na wɔhyiraa ɔman no. Na wɔtee wɔn nne, na wɔn mpaebɔ duruu ne tenabea kronkron no ɔsoro.


Ɛnkaa hwee sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase afra nneduafoɔ mu anaa wɔne atɔfoɔ atotɔ afra. Yei nyinaa mu no n’abufuo nnyaee, na ne nsa atene ara.


AWURADE ahwie anisobirie honhom agu ne mu, na wɔama Misraim agyigya, ne nneyɛɛ nyinaa mu, sɛdeɛ nsaboni yantam wɔ ne feɛ mu no.


Me man deɛ, mmɔfra na ɛhyɛ wɔn soɔ, na mmaa di wɔn so. Ao, me man, w’akwankyerɛfoɔ yɛ nnaadaafoɔ, na wɔsɛe w’akwan tempɔn no.


Yei nti AWURADE bo fuu ne man, na ɔtenee ne nsa tiaa wɔn na ɔbobɔɔ wɔn, na ɛmaa mmepɔ wosoeɛ, na wɔn afunu yɛɛ sɛ mmorɔno so wira dodoɔ. Yei nyinaa mu no n’abufuo no nnyaee, na ne nsa mu atene ara.


Enti yiyi wɔn mma ma ɛkɔm, na yi wɔn to afena ano, na wɔn yerenom nni mmasugya na wɔnnanedane akunafoɔ, na owuyadeɛ nkum wɔn mmarima, na wɔmfa afena nkum wɔn mmeranteɛ ɛdɔm ano.


Na Samaria adiyifoɔ no mu, mahunu nkwaseasɛm, wɔde Baal hyɛɛ nkɔm de maa me man Israel fomee.


Monhwɛ mo ho yie mo ayɔnkofoɔ ho, na obiara mmfa ne ho nnto onua biara so, na onua biara, nsisie ara na ɔsisie, na ɔyɔnko biara nam di nsekuro.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Yuda amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔapo AWURADE mmara na wɔanni n’ahyɛdeɛ soɔ, na wɔn torɔ a wɔn agyanom dii akyire no ma wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ nti.


Sei na AWURADE ka tia adiyifoɔ a wɔdaadaa me man na wɔde wɔn se ka na wɔka sɛ: Asomdwoeɛ! na deɛ ɔmfa biribi nhyɛ wɔn anomu no, wɔkyere ne so sa no.


Monnyaa wɔn, wɔyɛ anifirafoɔ a wɔkyerɛ anifirafoɔ kwan; na sɛ onifirani kyerɛ onifirani kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amena mu.


Nso akyinnyeɛ biara nni mu sɛ deɛ ɔkyɛne soɔ no na ɔhyira akumaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios