Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 8:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 na wɔahwɛ fam nso; nanso hwɛ, ahohiahia ne sum nie, ahodwan kusuuyɛ, na wɔasum wɔn agu sum kabii mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 na wɔahwɛ fam nso; nanso hwɛ, ahohiahia ne sum nie, ahodwan kusuuyɛ, na wɔasum wɔn agu sum kabii mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Afei wɔbɛhwɛ asase no so, na wubehu ahohiahia ne sum a ɛyɛ hu, na wɔde wɔn bɛhyɛn sum kabii mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Afei wɔbɛhwɛ asase no so, na wobɛhunu ahohiahia ne esum a ɛyɛ hu, na wɔde wɔn bɛhyɛne esum kabii mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 na wɔahwɛ fam nso; nanso hwɛ, ahohia ne sum ni, ahoguan kusuuyɛ, na wɔasum wɔn agu sum kabii mu.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 8:22
25 Referencias Cruzadas  

Wɔbɛsum no afiri hann mu akɔ sum mu, na wɔapam no afiri wiase.


Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tene wo nsa kɔ ahunum, na esum nnuru Misraim asase so, na ɛnyɛ esum a wosɔ mu a ɛbɛyɛ yie.


Na Mose tenee ne nsa kɔɔ ahunum, na esum kabii duruu Misraim asase no nyinaa so nnansa.


Wɔsum ɔbɔnefoɔ twene, ne bɔneyɛ mu, na ɔteneneeni wɔ ne wuo mu anidasoɔ.


Negeb mmoa ho atemmusɛm. Wɔfa ahohiahia ne ahokyere asase so, deɛ gyatabereɛ ne gyatanini fire no, deɛ ahuritia ne ɔwɔ a ɔtuo wɔ no, wɔde wɔn nnoɔma agu mfunumu akyiri, na wɔde wɔn akoradeɛ agu yoma akyiri apɔ so, wɔde rekɔ ɔman a wɔn ho remma wɔn mfasoɔ biara no nkyɛn.


Na wɔbɛworo atia wɔn da no sɛdeɛ ɛpo worɔ, na wɔhwɛ asase a, na hwɛ, ahohiahia ne sum nie, na hann redane wɔn so sum wɔ wiem hɔ.


Hwɛ, mo a mososɔ ogya na mode nnyentia a ɛdɛreɛ mia no nyinaa, monkɔ mo gya no dɛre ne nnyentia a moasosɔ no mu. Me nsam na yei bɛfiri ayɛ mo, ɛyea mu na mobɛdeda fam.


Mede tumm mekata ɔsoro, na mede ayitoma meyɛ ne nkataho.


Enti na atemmuo ne yɛn ntam awareɛ, na tenenee nso nto yɛn no; yɛtwɛn hann, na hwɛ, esum nie, ne ɔhyerɛn nso, na sum kabii mu na yɛnam.


Na hwɛ, esum bɛkata asase so, na esum kabii akata aman so; nanso AWURADE bɛpue wo so na n’animuonyam abɛda adi wo so.


Wɔnni mmara ne adanseɛ no akyi! Sɛ wɔanka no sɛdeɛ asɛm yi teɛ a, ɛnneɛ adeɛ renkye wɔn.


Nanso kusuuyɛ no rentena hɔ mma deɛ na ɔwɔ ahodwan mu no; akane berɛ no wammu Sebulon asase ne Naftali asase no, nanso akyire yi no, ɔbɛhyɛ amanaman Galilea a ɛwɔ ɛpo kwan, Yordan agya no animuonyam.


Na wɔhwim di, nifa so, nanso ɛkɔm de wɔn ara, na wɔdidi benkum so, nanso wɔmmee, wɔwewe wɔn ara wɔn nsa ho nam.


Monhyɛ AWURADE mo Nyankopɔn animuonyam ansa na wama sum aduru, ansa na mo nan asunti mmepɔ kusuu no, na morehwɛ hann kwan a, wadane no sunsum, na wama sum kabii aduru.


Ɛno nti wɔn kwan bɛyɛ wɔn sɛ esum kabii mu kwan torotoro, wɔbɛsunsum wɔn na wɔahwehwe ɛso ase, ɛfiri sɛ wɔn asotwe afe no mu, mede bɔne bɛba wɔn so, AWURADE asɛm nie.


Ɛnna ɔhene no see asomfoɔ no sɛ: Monkyekyere ne nan ne ne nsa mfa no, nkɔto no ntwene akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwerɛ wɔ.


Na nna no mu ahohiahia akyiri no, ntɛm ara owia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn, na nsoromma bɛtutu firi soro agu fam, na ɔsoro ahoɔden awoso.


na ahennie mma no deɛ, wɔbɛto wɔn akɔgu akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwerɛ wɔ.


ɛpo asorɔkyeɛ a ɛhuru a ɛpu wɔn ara wɔn aniwuo guo, nsoromma a ɛkyinkyini a wɔde sum kabikabi asie ama wɔn daa.


Na deɛ ɔtɔ so nnum no hwiee ne kuruwa no guu aboa no ahennwa so. Na n’ahennie danee sum, na yea no nti wɔkekaa wɔn tɛkyerɛma,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios