Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 7:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na ɛbɛba sɛ ɛda no, AWURADE bɛbɔ hwerɛma afrɛ anwansena a ɔwɔ Misraim asuasu awieeɛ no, ne wowa a ɔwɔ Asiria asase soɔ no,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Na ɛbɛba sɛ ɛda no, AWURADE bɛbɔ hwerɛma afrɛ anwansena a ɔwɔ Misraim asuasu awieeɛ no, ne wowa a ɔwɔ Asiria asase soɔ no,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Da no, Awurade bɛhyɛn abɛn afrɛ nwansena afi nsuwansuwa a ɛwɔ akyirikyiri wɔ Misraim ne nnowa a wofi Asiria asase so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Ɛda no, Awurade bɛhyɛn abɛn afrɛ nwansena afiri nsuwansuwa a ɛwɔ akyirikyiri wɔ Misraim ne nwowa a wɔfiri Asiria asase so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Na ɛda no, AWURADE bɛbɔ hwirema afrɛ nwansena a ɔwɔ Misraim asuasu awiei no, ne ɔdowa a ɔwɔ Asaria asase so no,

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 7:18
15 Referencias Cruzadas  

Ɔkasae, na anwansena borebore bae, ntontom baa wɔn asase nyinaa so.


Wɔatwa me ho ahyia sɛ nwowa, wɔbɛdum sɛ nkasɛɛ mu gya, AWURADE din mu ara na mɛtwitwa wɔn maguo.


Na sɛ woremma me man no nkɔ a, hwɛ, mɛma nwansena ahodoɔ aba wo ne wo nkoa ne wo man ne w’afie so, na nwansena no bɛyɛ Misraimfoɔ afie mu ne asase a wɔte soɔ no so amaama.


Na AWURADE yɛɛ saa. Na nwansena a wɔdɔɔso pii baa Farao fie ne ne nkoa afie ne Misraim asase nyinaa so. Na nwansena no nti asase no so sɛee.


Wɔfiri akyirikyiri asase so ne ɔsoro ano reba, AWURADE ne n’abufuhyeɛ akodeɛ no, sɛ ɔrebɛsɛe asase nyinaa.


Wɔnnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa, na wɔn ani da apɔnkɔ soɔ, na wɔde wɔn ho to nteaseɛnam soɔ, sɛ ɛdɔɔso nti, ne apɔnkɔsotefoɔ so, sɛ wɔn ho yɛ den pii nti, na wɔn ani nna Israel Kronkronni no soɔ, na AWURADE akyiri kwan nso, wɔnhwehwɛ.


Na ɔbɛsi frankaa ama amanaman a ɛwɔ akyirikyirie, na wabɔ hwerɛma afrɛ ɔman bi afiri asase ano, na hwɛ, wɔreba ɛherɛ so, ntɛm so.


AWURADE de nna bi bɛba wo ne wo man, ne w’agya fie so, nna a ɛmmaa da firi berɛ a Efraim te firii Yuda ho no: Ɛne Asiriahene.


Mɛbɔ hwerɛma mafrɛ wɔn na maboa wɔn ano; na magye wɔn, na wɔbɛdɔ sɛdeɛ wɔdɔreeɛ no.


Na Amorifoɔ a wɔte bepɔ no soɔ no firi bɛhyiaa mo na wɔtaa mo sɛdeɛ nwowa yɛ, na wɔkunkum mo Seir kɔduruu Horma.


AWURADE de ɔman bi bɛfiri akyirikyiri afiri asase ano aba wo so, ɔherɛ so, sɛdeɛ ɔkɔdeɛ tuo; ɔman a wonte wɔn kasa,


Nkotokurodu nso na AWURADE wo Nyankopɔn bɛsoma ama wɔakɔ wɔn mu akɔsi sɛ wɔn a wɔaka na wɔahunta no bɛsɛe w’anim.


Na mesomaa nkotokurodu dii mo anim maa wɔpamoo wɔn firii mo anim, Amorifoɔ ahemfo baanu no, ɛnyɛ wo nkrantɛ so na ɛnyɛ wo tadua soɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios