Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 7:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Nufosuo ani sradeɛ ne ɛwoɔ na ɔbɛdie, berɛ a ɔhunu bɔne na ɔkyire, na papa na ɔfa no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Nufosuo ani sradeɛ ne ɛwoɔ na ɔbɛdie, berɛ a ɔhunu bɔne na ɔkyire, na papa na ɔfa no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Obedi nufusu ani srade ne ɛwo, bere a wahu nea ɛbɛma watumi apo bɔne na wafa nea eye no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Ɔbɛdi nufosuo ani sradeɛ ne ɛwoɔ ɛberɛ a wahunu deɛ ɛbɛma watumi apo bɔne na wafa deɛ ɛyɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Nufusu ani srade ne ɛwo na obedi, bere a okyi bɔne na ɔyɛ papa no;

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 7:15
11 Referencias Cruzadas  

Na Abraham faa nufosuo ani sradeɛ ne nufosuo ne nantwie ba nam a ɔsiesiee no no, na ɔde bɛsii wɔn anim; na ɔno deɛ, ɔgyinaa wɔn nkyɛn dua no ase, maa wɔdidii.


Hwɛ, wɔwoo me amumuyɛ mu, na bɔne mu na me na nyinsɛnee me.


na nufosuo a ɔbɛnya no dodoɔ nti, ɔbɛdi nufosuo ani sradeɛ, na nufosuo ani sradeɛ ne ɛwoɔ ara na wɔn a wɔbɛka asase no soɔ nyinaa bɛdie.


Montane bɔne na monnɔ papa, na momma atɛmpa ntim kuro apono mu; ebia AWURADE, asafo Nyankopɔn bɛhunu Yosef nkaeɛ no mmɔbɔ.


Nso na Yohane yi fira ntoma a wɔde yoma nwi na ayɛ, na nwoma abɔsoɔ bɔ n’asene, na n’aduane ne ntutummɛ ne wiram woɔ.


Na ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ: Honhom Kronkron no bɛba wo so, na Deɛ Ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwoɔ no, wɔbɛfrɛ no Nyankopɔn ba.


Na abɔfra no nyiniiɛ, na ɔyɛɛ nnam, na nyansa yɛɛ no ma, na Nyankopɔn adom wɔ ne so.


Na Yesu nyinii nyansa ne kɛseyɛ ne Nyankopɔn ne nnipa nkyɛn adom mu.


Mommma nyaatwom mmfra ɔdɔ mu! Monkyiri bɔne, mommata papa ho!


Na mo mma nketewa a mose wɔbɛyɛ nnommum ne mo mma a nnɛ wɔnnim papa ne bɔne no, wɔn na wɔbɛduru hɔ, wɔn na mede bɛma wɔn na wɔn na wɔbɛdi soɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios