Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 7:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Ɛnna ɔse: Dawid fie, montie ɛ! Ha a moha nnipa yi, ɛnnɔɔso mmaa mo, sɛ mobɛha me Nyankopɔn nso?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Ɛnna ɔse: Dawid fie, montie ɛ! Ha a moha nnipa yi, ɛnnɔɔso mmaa mo, sɛ mobɛha me Nyankopɔn nso?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Na Yesaia kae se, “Muntie Dawidfi! Ɛnso mma mo sɛ mobɛsɔ nnipa ntoboase ahwɛ? Na mobɛsɔ me Nyankopɔn nso ntoboase ahwɛ ana?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Na Yesaia kaa sɛ, “Montie Dawid fie! Ɛnnɔɔso mma mo sɛ mobɛsɔ nnipa ntoboaseɛ ahwɛ? Na mobɛsɔ me Onyankopɔn nso ntoboaseɛ ahwɛ anaa?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Ɛnna ose: Dawid fi, muntie ɛ! So ɔhaw a mohaw nnipa yi, ɛnnɔɔ mo so, sɛ mobɛhaw me Nyankopɔn nso?

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 7:13
27 Referencias Cruzadas  

Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnnɔɔso sɛ woafa me kunu? Na worebɛgye me ba dudaim nso anaa? Na Rahel se: Wo ba dudaim no nti ma ɔne wo nkɔda anadwo yi.


Nanso AWURADE ampɛ sɛ ɔsɛe Dawid fie no, apam a ɔne Dawid pameeɛ no nti, ne sɛ ɔkaa sɛ: Ɔbɛma no ne ne mma nso kanea nna nyinaa no.


W’agyan ano yɛ nnam, aman bɛhwehwe ase w’anim, ɛwɔ ɔhene atamfoɔ akoma mu.


Mo asrane foforɔ ne mo afahyɛ no, me kra kyi; abɛyɛ adesoa ama me, mabrɛ wɔ ne soa ho.


Enti AWURADE, asafo AWURADE, Israel Tumfoɔ no, asɛm nie: Ao, mɛyi m’abufuhyeɛ makyerɛ m’ahohiahiafoɔ, na mɛtɔ were wɔ m’atamfoɔ so.


Na mede Dawid fie safoa mɛma no, na wahini, na obi anto mu, na wato mu, na obi anhini.


AWURADE, me Nyankopɔn ne wo, mɛma wo so na makamfo wo din sɛ woayɛ anwanwadeɛ; tete nteredee agyinatuo atim ayɛ nokorɛ.


woamfa sika antɔ ahwedeɛ amma me, na woamma w’afɔdeɛ sradeɛ ammee me, na mmom wode wo bɔne yɛɛ me adesoa, na wode w’amumuyɛ maa mebrɛe.


Na wɔn deɛ, wɔtee atua na wɔhyɛɛ ne Honhom kronkron no yea, enti ɔdanee wɔn ɔtamfoɔ, na ɔno ara ne wɔn dii ako.


Na Ahas se: Meremmisa, na merensɔ AWURADE menhwɛ.


Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid fie sɛ: Siria ne Efraim ayɛ apam. Ɛnna n’akoma ne ne man akoma wosoeɛ, sɛdeɛ kwaeɛ mu nnua wosoɔ wɔ mframa anim.


Dawid fie, sɛ AWURADE seɛ nie: Monni asɛntenenee anɔpa, na monyi deɛ wɔafom no afa mfiri omimfoɔ nsam, na m’abufuhyeɛ amfiri sɛ ogya ammɛhye a obi rennum, mo nneyɛɛ bɔne nti.


Ɛfiri sɛ na AWURADE ntumi nsoa mo nneyɛɛ bɔne ne akyiwadeɛ a moyɛeɛ no bio, na mo asase adane amamfo ne ahodwirideɛ ne nnome a obiara ntena hɔ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


Enti AWURADE abufuhyeɛ ahyɛ me ma, mabrɛ ne me ho so hyɛ: Hwie gu mmorɔno so mmotafowa ne mmeranteɛ asafo no nyinaa so; na wɔbɛkyere okunu ne ɔyere nyinaa, akɔkoraa ne deɛ wadi nna ameeɛ.


Na wofaa wo mmabanin ne wo mmammaa a wowo maa me no de wɔn bobɔɔ afɔdeɛ maa wɔn sɛ wɔnni. W’adwamammɔ yɛ ade ketewa,


Nso woamfa wɔn akwan so na wɔyɛɛ wɔn akyiwadeɛ no nko, na mmom ɛyɛɛ kakraa bi pɛ, na wosɛe senee wɔn, w’akwan nyinaa so.


Ɛyɛ mo adewa sɛ modidi adidibea pa, na mo adidibea nkaeɛ no, mode mo nan tiatia soɔ? Na monom nsuo a agyene, na mode mo nan hono nkaeɛ no?


Na mo mu nnipa a wɔbɛfiri mu afire no, bɛkae me, amanaman a wɔafa wɔn nnommum kɔ hɔ no mu, sɛ mabubu wɔn adwamammɔ akoma a atwe afiri me ho, ne wɔn ani a ɛdi wɔn abosom akyiri adwamammɔ mu no; na wɔn ara wɔn ho bɛyɛ wɔn nwunu, nnebɔne a wɔayɛ, wɔn akyiwadeɛ nyinaa mu no ho.


Montie, na monni Yakob fie adanseɛ, AWURADE Nyankopɔn asafo Nyankopɔn, asɛm nie:


Mode mo nsɛm hyɛ AWURADE brɛ. Nanso moka sɛ: Ɛdeɛn na yɛde hyɛ no brɛ? Sɛ mobisa sɛ: Obiara a ɔyɛ bɔne no, ɔyɛ wɔ AWURADE anim, na wɔn ho yɛ no anisɔ; anaasɛ: Atemmuo Nyankopɔn no wɔ he?


Ɛyɛ adewa sɛ woayi yɛn afiri asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ so rebɛku yɛn ɛserɛ soɔ, na woredi yɛn so abakomasɛm nso yi?


Ɛyɛ mo ade ketewa sɛ Israel Nyankopɔn no ate mo afiri Israel asafo ho sɛ ɔde mo rebɛn ne ho na moayɛ AWURADE tenabea no ho adwuma, na moagyina asafo no anim asom wɔn?


na wama nkwagyeɛ abɛn so ama yɛn n’akoa Dawid fie,


Mo a mo kɔn asene na moyɛ akoma ne aso mu momonoto, daa mo ne Honhom Kronkron di asie; sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ no, saa ara na moyɛ.


Enti saa awoɔ ntoatoasoɔ yi ho yɛɛ me ahi, na mekaa sɛ: Wɔfom daa wɔ wɔn akoma mu. Nanso wɔn deɛ, wɔanhunu m’akwan;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios