Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 7:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Bisa AWURADE wo Nyankopɔn hɔ nsɛnkyerɛnneɛ, ma no nsiane nkɔ sɛ Asamando, anaa ɛnkorɔn sɛ ɔsoro!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Bisa AWURADE wo Nyankopɔn hɔ nsɛnkyerɛnneɛ, ma no nsiane nkɔ sɛ Asamando, anaa ɛnkorɔn sɛ ɔsoro!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 “Bisa Awurade, wo Nyankopɔn hɔ nsɛnkyerɛnne, sɛ ɛwɔ bun ase tɔnn anaa ɔsorosoro nohɔ.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 “Bisa Awurade wo Onyankopɔn hɔ nsɛnkyerɛnneɛ, sɛ ɛwɔ ebunu ase tɔnn anaa ɔsorosoro nohoa.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Bisa AWURADE wo Nyankopɔn hɔ sɛnkyerɛnne fa, esian kɔ asaman oo, ɛkorɔn kɔ ɔsoro oo!

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 7:11
18 Referencias Cruzadas  

Na ɔmaa nsɛnkyerɛnneɛ da no ara sɛ: Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ sɛ AWURADE na aka, hwɛ, afɔrebukyia no bɛbubu, na nso a ɛwɔ soɔ no ahwie agu.


Na yei nyɛ wo nsɛnkyerɛnneɛ: Afe yi mu monni ntwakaeɛ a ɛfifiriiɛ, na afe a ɛtɔ so mmienu no mu, deɛ ɛbɛdi akyire aba. Na afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, mongu na montwa, na montɛ bobe nturo, na monni mu aba.


Sɛ Farao ka kyerɛ mo sɛ monyɛ anwanwadeɛ bi a, ɛnneɛ ka kyerɛ Aaron sɛ: Fa wo poma no to fam wɔ Farao anim, na ɛbɛdane ɔwɔ.


Na yei nyɛ wo nsɛnkyerɛnneɛ: Afe yi mu, monni ntwakaeɛ a ɛfifiriiɛ, na afe a ɛtɔ so mmienu no mu moadi deɛ ɛbɛfifiri akyire aba no, na afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, mongu na montwa, na montɛ bobe nturo, na monni mu aba.


Na Hesekia nso bisaa sɛ: Ɛdeɛn ne nsɛnkyerɛnneɛ sɛ mɛkɔ AWURADE fie?


Pepeaa bɛfifiri asi nkasɛɛ ananmu, na ohwamdua bɛfifiri akraateɛ ananmu; na ɛbɛyɛ din ama AWURADE ne daa nsɛnkyerɛnneɛ a wɔrentwa ntwene.


Na AWURADE toaa so ka kyerɛɛ Ahas sɛ:


Na Ahas se: Meremmisa, na merensɔ AWURADE menhwɛ.


Sɛ AWURADE kaeɛ nie: Kɔ na kɔtɔ ɔnwomfoɔ kuruwa bi, na fa ɔman no mu mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mu mpanimfoɔ no bi ka wo ho,


Na bɔ kuruwa no mmarima a wɔne wo bɛkorɔ no anim,


Na yei bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama mo, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛtwe mo aso ɛha yi, na moahunu sɛ mo ho na me nsɛm no bɛba mu ayɛ mo bɔne:


Na yei ne mo nsɛnkyerɛnneɛ: Mobɛhunu akɔkoaa a wɔde ntoma akyekyere no sɛ ɔda mmoa adididaka mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios