Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 66:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na yeinom nyinaa, me nsa na ɛyɛeɛ, saa nti yeinom nyinaa yɛ me dea, AWURADE asɛm nie. Na deɛ mɛhwɛ no nie: Deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ, na ne honhom abubuo, na ne ho popo m’asɛm ano.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na yeinom nyinaa, me nsa na ɛyɛeɛ, saa nti yeinom nyinaa yɛ me dea, AWURADE asɛm nie. Na deɛ mɛhwɛ no nie: Deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ, na ne honhom abubuo, na ne ho popo m’asɛm ano.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ eyinom nyinaa, na ɛma ɛbae ana?” Awurade na ose. “Obi a mʼani sɔ no ni: nea ɔwɔ ahobrɛase ne ahonu honhom, na ne ho popo wɔ mʼasɛm ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ yeinom nyinaa, ɛna enti ɛbaa mu anaa?” Awurade na ɔseɛ. “Obi a mʼani sɔ no nie: deɛ ɔwɔ ahobrɛaseɛ ne ahonu honhom, na ne ho popo wɔ mʼasɛm ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na eyinom nyinaa, me nsa na ɛyɛe maa eyinom nyinaa bae, AWURADE asɛm ni. Na nea mɛhwɛ no ni: Nea ɔyɛ mmɔbɔ na ne honhom abubu, na ne ho popo m’asɛm ano.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 66:2
35 Referencias Cruzadas  

Ɛsiane sɛ wabrɛ ne ho ase m’anim nti, meremfa bɔne no memma ne berɛ so. Ne ba berɛ so, na mede bɔne no bɛba ne fie soɔ.


Na Ɔtwerɛfoɔ Safan bɔɔ din kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɔsɔfoɔ Hilkia de nwoma bi ama me. Na Safan kenkanee no ɔhene anim.


Na ɛbaa sɛ ɔhene tee mmara nwoma no mu nsɛm no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu.


Enti momma yɛne yɛn Nyankopɔn mpam sɛ yɛbɛyi yɛn yerenom no nyinaa ne mma a wɔawowo wɔn no afiri yɛn mu, me wura ne wɔn a yɛn Nyankopɔn mmara asɛm no ma wɔn ho popoɔ no afotuo no nti; na wɔnyɛ no sɛdeɛ mmara no teɛ.


Na wɔn a Israel Nyankopɔn nsɛm yɛɛ wɔn ahopopoɔ, atukɔfoɔ no mmarato nti no nyinaa boaboaa wɔn ano baa me nkyɛn, na me deɛ, mede ahodwirie metenaa hɔ ara kɔsii anwummerɛ afɔrebɔ berɛ.


Wo ho hu ma me honam popo, na mesuro w’atemmudeɛ.


Aman mpanin ti me kwa, nanso w’asɛm nko na mesuro.


Na AWURADE wɔ sorosoro, na ɔhwɛ ahobrɛasefoɔ, na ahantanfoɔ deɛ, ɔhu wɔn wɔ akyirikyiri.


AWURADE bɛn wɔn a wɔn akoma abubuo, na ɔgye wɔn a wɔn honhom apɛkyɛ.


Nyankopɔn afɔdeɛ ne honhom a abubuo; Onyankopɔn, akoma a abubuo, na apɛkyɛ na worempoɔ.


Ɛno na wobɛpɛ tenenee afɔdeɛ, ɔhyeɛ afɔdeɛ ne afɔdeɛ mu, ɛno na wɔde anantwinini bɛkɔ w’afɔrebukyia soɔ.


Nhyira ne onipa a ɔfɛre adeɛ daa daa, na deɛ ɔhyɛ n’akoma den bɛtɔ bɔne mu.


Onipa ahantan bɛbrɛ no ase, na honhom mu ahobrɛaseɛni nsa bɛka animuonyam.


Momma mo ani so nhwɛ soro, na monhwɛ deɛ ɔbɔɔ yeinom! Ɔno na ɔbu wɔn dɔm ano yi wɔn adie, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodoɔ ne n’ahoɔden kɛseɛ nti, obiara nyera.


na nnipa ahunu, ate aseɛ, de asie akoma mu na wɔadwene ho prɛko sɛ: AWURADE nsa na ɛyɛɛ yei, na Israel Kronkronni no na ɔbɔeɛ.


Na sɛ deɛ ɔkorɔn na wɔama no soɔ, deɛ ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no seɛ nie: Mete soro ne deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ne deɛ wabubuo na ne honhom brɛ aseɛ no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefoɔ honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no akoma anya nkwa.


AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so, ɛfiri sɛ AWURADE asra me ngo sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufoɔ; wasoma me sɛ memmɛkyekyere wɔn a wɔn akoma abubuo werɛ, mempae ahofadie menkyerɛ nnommum ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfoɔ,


Montie AWURADE asɛm, mo a n’asɛm nti mo ho popoɔ: Mo nuanom a wɔtane mo a me din nti wɔtu mo no ka sɛ: AWURADE nnya animuonyam na yɛnhunu mo anigyeɛ; nanso wɔn na wɔn ani bɛwu.


Wɔbɛdi AWURADE a ɔbɛbobom sɛ gyata akyi, ampa ara ɔbɛbobom, na mma de ahopopoɔ afiri po akyiri aba.


Wɔaka deɛ ɛyɛ akyerɛ wo, onipa, ne deɛ AWURADE hwehwɛ no wo hɔ, ɛnyɛ biribiara sɛ adeteneneeyɛ ne adɔeɛpɛ ne ahobrɛaseɛ a wode ne wo Nyankopɔn nanteɛ.


Metee na me yafunum popoe, m’ano saa biribiri, ɛnne no ho; ɔporɔ hyɛnee me nnompe mu, na m’ase popoe, nanso meretena ase komm atwɛn ahohiahia da no na mahwɛ deɛ ɔbɛyɛ ɔman a wɔbɛtoaa yɛn no.


Na mese mo sɛ, deɛ ɔkyɛne asɔrefie no wɔ ha.


Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ yeinom nyinaa?


Sɔre kɔ kuro no mu, na wɔbɛka wo deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ.


Enti, m’adɔfo, sɛdeɛ moyɛ setie daa no, ɛnyɛ sɛ berɛ a mewɔ mo nkyɛn nko mu, na mmom afei a menni mo nkyɛn yi titire no, momfa suro ne ahopopoɔ nyɛ mo ara mo nkwagyeɛ ho adwuma nwie;


Na ɔno na ɔyɛ adeɛ nyinaa kannifoɔ, na nnoɔma nyinaa atim wɔ ne mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios