Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 64:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Yɛn kronkronyɛ ne yɛn animuonyam fie a yɛn agyanom yii wo emu ayɛ no wɔde gya ahye, na yɛn anigyebea nyinaa ayɛ amamfo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Yɛn kronkronyɛ ne yɛn animuonyam fie a yɛn agyanom yii wo emu ayɛ no wɔde gya ahye, na yɛn anigyebea nyinaa ayɛ amamfo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Yɛn asɔredan kronkron a ɛwɔ anuonyam, faako a yɛn nenanom yii wo ayɛ no, wɔde ogya ahyew, na nea ɛsom bo ma yɛn no, abubu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Yɛn asɔredan kronkron a ɛwɔ animuonyam, faako a yɛn nananom yii wo ayɛ no, wɔde ogya ahye, na deɛ ɛsom bo ma yɛn no, abubu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Yɛn kronkronyɛ ne yɛn anuonyam fi a yɛn agyanom yii wo emu ayɛ no, wɔde gya ahyew, na yɛn afɛfɛde nyinaa ayɛ amamfo.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 64:11
21 Referencias Cruzadas  

na ɔbɛhyee AWURADE fie ne ɔhene fie ne Yerusalem afie nyinaa, na ɔde ogya hyee afie akɛseɛ nyinaa.


Yerusalem amaneɛ ne n’ahometeɛ nna yi mu wakae n’afɛfɛdeɛ a na ɛwɔ hɔ firi tete nna mu no nyinaa; ne nkurɔfoɔ hwee ɔhohiahiafoɔ nsam na wannya ɔboafoɔ biara no, n’ahohiahiafoɔ ani gyee, na wɔseree no n’ahweaseɛ mu.


Na wɔhyee Nyankopɔn fie no, na wɔdwirii Yerusalem fasuo no, na emu aban afɛfɛ nyinaa, wɔde ogya hyee, na emu afɛfɛdeɛ nyinaa sɛee.


Kasa kyerɛ Israel fie sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, meregu me kronkronbea ho fi, mo ahoɔden ahokyerɛ no, mo ani adeɛ a ɛpɛ ne mo kra adeɛ a ɛdɔ no; na mo mmabanin ne mo mmammaa nkaeɛ no bɛtotɔ nkrantɛ ano.


AWURADE ato n’afɔrebukyia atwene, wapa ne kronkronbea. Ɔde n’aban afɛfɛ afasuo ahyɛ ɔtamfoɔ nsa; wɔyɛɛ gyegyeegye, AWURADE fie, sɛ afahyɛ da.


na ɔbɛhyee AWURADE fie ne ɔhene fie ne Yerusalem afie nyinaa, afie akɛseɛ nyinaa, ɔde ogya hyee.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhunu yeinom? Nokorɛ mese mo sɛ: Wɔrennya ɔboɔ a ɛsi ɔboɔ so ɛha a wɔrennwiri ngu fam.


Na wo, onipa ba, ɛda no ara a mɛgye wɔn nsam ahoɔden, wɔn ahyehyɛdeɛ ho ahosɛpɛ, wɔn ani adeɛ a ɛpɛ ne wɔn kra adeɛ a ɛpɛ, wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa no,


Na asɔfoɔ no gyinagyina hɔ, wɔn som nnwuma so, na Lewifoɔ no nso kurakura AWURADE nsankuo a Ɔhene Dawid yɛeɛ sɛ wɔmfa nna AWURADE ase, sɛ n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, berɛ a Dawid nam wɔn so yii AWURADE ayɛ no. Na asɔfoɔ no hyenhyɛnee ntotorobɛnto, wɔn ntentensoɔ, na Israel nyinaa gyinagyina hɔ.


Na Israel mma no nyinaa hunuu sɛ ogya ne AWURADE animuonyam aba efie no soɔ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam aboɔ nsɛeɛ no so sɔree, na wɔdaa AWURADE ase sɛ, “ɔyɛ na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa”.


Na ɔkaa sɛ: Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn a ɔde n’ano kasa kyerɛɛ m’agya Dawid, na ɔde ne nsa ama no aba mu no sɛ:


Nhyira ne AWURADE a wama ne man Israel ahome. N’asɛmpa a ɔnam n’akoa Mose so kaeɛ no nyinaa mu asɛm baako mpo antɔ fam.


Na ɔhene danee n’ani, na ɔhyiraa Israel asafo no nyinaa, na Israel asafo no nyinaa gyinagyina hɔ.


sɔfe ne nkyene, hyeɛ a asase no nyinaa ahyeɛ a wɔnnua so adeɛ na ɛnsoɔ, na wira biara mfifiri soɔ, sɛ Sodom ne Gomora, Adma ne Seboim butuo a AWURADE de n’abufuo ne n’abufuhyeɛ butuiɛ no a, wɔbɛka ho asɛm,


Wo man kronkron kuraa wo kronkronbea no kakraa bi; yɛn ahohiahiafoɔ atiatia so.


Ao, sɛdeɛ AWURADE asi de mununkum akata Sion babaa ho, n’abufuo mu! Wafiri soro ato Israel ahoɔfɛ ahwe fam, na wankae ne nan ntiasoɔ n’abufuo da no.


Ɛnna AWURADE bɔfoɔ no bisaa sɛ: Asafo AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn na wo yam renhyehye wo mma Yerusalem ne Yuda nkuro a wo bo afu wɔn mfirinhyia aduɔson nie?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios