Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 64:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Wo nkuro kronkron adane ɛserɛ so, Sion adane ɛserɛ so. Yerusalem ayɛ akurofo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Wo nkuro kronkron adane ɛserɛ so, Sion adane ɛserɛ so. Yerusalem ayɛ akurofo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Wo nkuropɔn kronkron no adan nweatam; Sion mpo ayɛ nweatam, Yerusalem ada mpan.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Wo nkuropɔn kronkron no adane anweatam; Sion mpo ayɛ anweatam, Yerusalem ada mpan.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Wo kronkronyɛ nkurow adan sare so, Sion adan sare so, Yerusalem ayɛ akurofo.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 64:10
22 Referencias Cruzadas  

na ɔbɛhyee AWURADE fie ne ɔhene fie ne Yerusalem afie nyinaa, na ɔde ogya hyee afie akɛseɛ nyinaa.


na mpemnan nyɛ apono ano ahwɛfoɔ, na mpemnan nso mfa nnoɔma a meyɛ memaa ayeyie no nyi AWURADE ayɛ.


Mo man mu ada mpan; mo nkuro, wɔde ogya ahye; mo anim pɛɛ na ananafoɔ redi mo mfuo; na asɛe sɛdeɛ ananafoɔ abutu no.


Na wɔde kuro kronkron no frɛ wɔn ho, na wɔtwere Israel Nyankopɔn a asafo AWURADE ne ne din no.


O Sion, nyane ɛ, nyane ɛ! hyɛ w’ahoɔden! O Yerusalem, kuro kronkron, hyɛ w’animuonyam atadeɛ! na momonotoni ne deɛ ne ho nteɛ biara renkɔ so nhyɛne wo mu bio.


Na mese: O AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn? Na ɔse: Ɛnkɔsi sɛ nkuro bɛdane akurofo a obi nte mu, na afie atɔ mpan a onipa nni mu, na asase no asɛe ayɛ fo koraa,


Wo man kronkron kuraa wo kronkronbea no kakraa bi; yɛn ahohiahiafoɔ atiatia so.


na ɔbɛhyee AWURADE fie ne ɔhene fie ne Yerusalem afie nyinaa, afie akɛseɛ nyinaa, ɔde ogya hyee.


Ɔhohiahiafoɔ no atene ne nsa n’afɛfɛdeɛ nyinaa so, aane wahunu amanaman, sɛ wɔrehyɛne ne kronkronbea hɔ, nnipa a wohyɛɛ sɛ wɔnnhyɛne w’asafo mu no.


Yerusalem amaneɛ ne n’ahometeɛ nna yi mu wakae n’afɛfɛdeɛ a na ɛwɔ hɔ firi tete nna mu no nyinaa; ne nkurɔfoɔ hwee ɔhohiahiafoɔ nsam na wannya ɔboafoɔ biara no, n’ahohiahiafoɔ ani gyee, na wɔseree no n’ahweaseɛ mu.


Sion bepɔ a ayɛ amamfo nti, ɛserɛ so kraman nenam so.


Na metee onipa a ɔfira nwera a ɔwɔ asubɔnten no soɔ no nka, na ɔmaa ne nifa ne ne benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkaa deɛ ɔte ase daa no ho ntam sɛ ɛnkɔduru berɛ, mfeɛ mmiɛnsa ne fa, na sɛ wɔpansam ɔman kronkron no tumi wie a, wɔbɛwie yeinom nyinaa.


Saa nti, mo nti wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afuo, na Yerusalem adane aboɔ akuakuo, na efie no bepɔ adane kwaeɛ sorɔnsorɔmmea.


Mo mu hwan na aka a ɔhunuu ɛdan yi n’akane animuonyam no? Na afei mohu no sɛn? Ɛnte sɛ adeɛ a ɛnyɛ hwee, mo ani so?


Ɛnna momma wɔn a wɔwɔ Yudea nnwane nkɔ mmepɔ soɔ, na wɔn a wɔwɔ Yerusalem mfiri mu nkɔ, na wɔn a wɔwɔ nkuraa no, mommma wɔnnkɔ mu,


Na wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano, na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa so. Na wiase amanaman bɛtiatia Yerusalem so de akɔsi sɛ amanaman no berɛ bɛwie duro.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios