Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 61:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 na mempae AWURADE anisɔ afe ne yɛn Nyankopɔn aweretɔ da no, menkyekyere abooboodifoɔ nyinaa werɛ,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 na mempae AWURADE anisɔ afe ne yɛn Nyankopɔn aweretɔ da no, menkyekyere abooboodifoɔ nyinaa werɛ,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 se mempae mu nka Awurade adom no ho asɛm, ne yɛn Nyankopɔn aweretɔ da. Wasoma me se, menkyekye wɔn a wodi awerɛhow nyinaa werɛ,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 sɛ mempae mu nka Awurade adom no ho asɛm, ne yɛn Onyankopɔn aweretɔ da. Wasoma me sɛ, menkyekye wɔn a wɔdi awerɛhoɔ nyinaa werɛ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 na mempae AWURADE anisɔ afe, ne yɛn Nyankopɔn aweredi da no; menkyekye nkɔmmɔdifo nyinaa werɛ,

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 61:2
34 Referencias Cruzadas  

Enti AWURADE, asafo AWURADE, Israel Tumfoɔ no, asɛm nie: Ao, mɛyi m’abufuhyeɛ makyerɛ m’ahohiahiafoɔ, na mɛtɔ were wɔ m’atamfoɔ so.


Montwa adwo, na AWURADE da no abɛn; ɛreba sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ no.


Na asafo AWURADE da bi wɔ hɔ a ɛbɛba deɛ ɛkorɔn na ɛyɛ sorɔnsorɔn nyinaa ne deɛ wɔama soɔ nyinaa so, na abrɛ ase;


Ɔbɛmene owuo akɔsi daa, na AWURADE Nyankopɔn bɛpepa ani nyinaa so nisuo, na wayi ne man ahohora afiri asase nyinaa so akɔ, ɛfiri sɛ AWURADE na waka.


Na AWURADE abohuro bɛba amanaman nyinaa so, na abufuhyeɛ aba wɔn dɔm nyinaa so, wadome wɔn de wɔn ama okum.


Na AWURADE wɔ aweretɔ da ne ananmuhyɛ afe a ɔbɛdi ama Sion.


monka nkyerɛ wɔn a wɔn akoma atuo sɛ: Monhyɛ mo ho den, monnsuro, hwɛ, mo Nyankopɔn nie! ɔde aweretɔ, Nyankopɔn ananmuhyɛ na ɛreba. Ɔno na ɔreba abɛgye mo nkwa!


Monkyekyere, monkyekyere me man werɛ! mo Nyankopɔn na ɔseɛ.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Anisɔ berɛ mu na matie woɔ, na nkwagyeɛ da mu na maboa woɔ, na mɛkora wo, na mede wo mayɛ ɔman apam, sɛ: Ma asase no so si hɔ, na ma wɔmfa agyapadeɛ a ayɛ afo no nni so bio;


Me ara mene mo werɛkyekyefoɔ; hwan ne wo na wosuro ɔdasani a ɔwuo ne onipa ba a wɔyɛɛ no sɛ wira?


Mahunu n’akwan, nso mɛsa no yadeɛ; na mɛkyerɛ no kwan, na masane makyekyere ne werɛ, na mabɔ anofafa so aba ama n’abooboodifoɔ.


Sɛdeɛ mmuada a mɛpɛ no ɛda a onipa brɛ ne kra ase no teɛ nie? Sɛ obi si ne tiri ase sɛ mmɛwa na ɔsɛ ayitoma ne nso da so a, yei na wofrɛ no abuadadie ne da a ɛsɔ AWURADE ani yi anaa?


Na ananafoɔ bɛto w’afasuo, na wɔn ahemfo asom wo; na m’abufuo mu na mehwee woɔ, na m’adɔeɛyɛ mu na mahu wo mmɔbɔ.


Na mobɛhunu na mo akoma ho asɛpɛ no, na mo nnompe ayɛ hurohuro sɛ wira frɔmfrɔm; na wɔbɛhunu AWURADE nsa, ne nkoa so, ne abufuo a emu yɛ den, n’atamfo so.


Ɛno na mmammaa ani bɛgye asa mu, na mmeranteɛ ne nkɔkoraa abom anya anigyeɛ; na mɛdane wɔn abooboodie ahosan, na makyekyere wɔn werɛ, na mama wɔn ani agye afiri wɔn awerɛhoɔ mu.


Ɛda no yɛ asafo AWURADE Nyankopɔn deɛ, aweretɔ da a ɔbɛtɔ n’atamfo so were. Na afena bɛdidi amee, na wɔn mogya ama no abo, na AWURADE, asafo AWURADE wɔ okum afɔdeɛ, atifi fam asase so, Asuo Eufrate ho.


Na me deɛ, AWURADE honhom mu tumi ne atemmuo ne mmaninyɛ ahyɛ me ma, sɛ menkyerɛ Yakob ne mmarato, ne Israel ne bɔne.


Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ, na wɔn na wɔbɛkyekyere wɔn werɛ.


na memmɛda afe a Awurade anisɔ bɛba ne nkurɔfoɔ so no adi.


Nhyira ne mo a ɛkɔm de mo yi, na wɔbɛma mo amee. Nhyira ne mo a moresu yi, na mobɛsere.


Na ɔka sɛ: Ɛberɛ a ɛsɛ mu na matie woɔ, nkwagyeɛ da mu na maboa woɔ! Hwɛ, ɛnnɛ ne adom berɛ; hwɛ, ɛnnɛ ne nkwagyeɛ da.


Wɔbara yɛn sɛ yɛnnkasa nnkyerɛ amanaman no, na wɔannye wɔn nkwa, wɔde hyɛ wɔn bɔne ma daa, nso abufuo no anya aba wɔn so awie.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios