Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 59:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Obiara nsaman asɛntenenee so, na obiara nsaman wɔ nokorɛ asɛm ho. Wɔde wɔn ho to nsɛnhunu so, na wɔka nsɛnhuhuo; wɔnyinsɛn bɔne, na wɔwo mmusuo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Obiara nsaman asɛntenenee so, na obiara nsaman wɔ nokorɛ asɛm ho. Wɔde wɔn ho to nsɛnhunu so, na wɔka nsɛnhuhuo; wɔnyinsɛn bɔne, na wɔwo mmusuo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Obiara nhwehwɛ atɛntrenee; obiara mfa nokwaredi mmɔ ne nkurow. Wɔde wɔn ho to nsɛnhuhuw so na wotwa nkontompo; wonyinsɛn ɔhaw na wɔwo bɔne.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Obiara nhwehwɛ atɛntenee; obiara mfa nokorɛdie mmɔ ne nkuro. Wɔde wɔn ho to nsɛmhuhuo so na wɔtwa nkontonpo; wonyinsɛn ɔhaw na wɔwo bɔne.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Obiara nsamena asɛntrenee so, na obiara nni asɛm nokware so; wɔde wɔn ho to nsɛnhunu so, na wɔka nsɛnhuhuw; wonyinsɛn ɔhaw, na wɔwo mmusu.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 59:4
36 Referencias Cruzadas  

mma no mmfa ne ho nnto ahuhudeɛ so nnnaadaa ne ho, na ahuhudeɛ ara na ɛbɛyɛ n’akatua.


Wɔnyinsɛn ɔhaw, na wɔwo mmusuo, na wɔn yafunu siesie nnaadaa.


Ma AWURADE ntwa ano dɛfɛdɛfɛ nyinaa ne tɛkyerɛma a ɛka nsɛnkɛseɛ,


Mommfa mo ho nnto amimdie so, na monnyɛ dwotwa ho ahokyerɛ. Sɛ ahonyadeɛ dɔre a, mommfa mo akoma nnto so.


Ampa ara, wɔatu agyina sɛ wɔbɛtu no so. Wɔpɛ atorɔdie, wɔde wɔn ano hyira, nanso wɔn mu deɛ, wɔdome.


Watu amena, na wafunu mu, na ɔtɔ tokuro a ɔno ara tuo no mu.


Wɔn deɛ wɔnna, gye sɛ wɔayɛ bɔne ansa, na wɔntumi nna, gye sɛ wɔahwe obi ase ansa;


Wɔnnue, wɔn a wɔhyehyɛ ahyɛdeɛ huhuo ne atwerɛfoɔ a wɔtwerɛ nhyɛsoɔ ahyɛdeɛ,


yɛnyinsɛnee, yɛkyemee; ɛte sɛdeɛ yɛawo mframa. Yɛntumi nnyee asase nkwa, na wiasefoɔ nyinaa ahwehwe ase.


Na moka sɛ: Yɛne owuo apam, na yɛne Asamando adi nkasasie; mpire a ɛhwe tra soɔ no, sɛ ɛretwam a, ɛrenka yɛn; ɛfiri sɛ yɛde atorɔ ayɛ yɛn dwanekɔbea, na yɛde nnaadaa akata yɛn so.


na tirimuɔdenfoɔ ayɛ ɔkwa, na ahiyifoɔ asa, na wɔatwa wɔn a wɔdwene amumuyɛsɛm nyinaa atwene,


Enti, sɛ Israel Kronkronni no ka nie: Ɛsiane sɛ asɛm yi afono mo na mo ani da ɔhyɛ ne nkontompo soɔ na mode mo ho to soɔ nti,


Na wɔyɛ atuateɛ man, mma atorofoɔ, mma a wɔmpɛ sɛ wɔtie AWURADE mmara.


Moanyinsɛn wira dwaneɛ, morewo nkyɛnkyɛmma; mo ahome yɛ ogya a ɛbɛhye mo.


Nso na ɔdie; wɔadaadaa n’adwene ama no ato kwan, na ɔntumi nnye ne kra, nso ɔnka sɛ: Ɛnyɛ atorɔ na ɛwɔ me nsa nifa mu yi?


Wotenaa ase dwodwoo wɔ wo bɔne mu kaa sɛ: Obi nhu me; wo nyansa ne wo nimdeɛ bɔɔ w’adwene ko, maa wokaa no w’akoma mu sɛ: Me ara me ne no, na obi nni akyire bio.


Wɔnnue, wɔn a wɔde atorosɛm homa twe amumuyɛ, na wɔde teaseɛnam ntampehoma twe bɔne,


Na asafo AWURADE bobeturo ne Israel fie, na Yuda mmarima ne n’afuo a n’ani gye ho; na ɔhwehwɛɛ atɛntenenee, nanso hwɛ, mogyahwieguo; ɔhwehwɛɛ tenenee, nanso hwɛ, osu!


Na nokorɛ ayɛ adeɛ a ɛho yɛ na, na deɛ ɔtwe ne ho firi bɔne ho no, wɔfom no fa. Na AWURADE hunui, na ansɔ n’ani sɛ atemmuo biara nni hɔ,


na ɔhunuu sɛ ɔbarima biara nni hɔ, na ɛyɛɛ no nwanwa sɛ ɔkamafoɔ biara nni hɔ; ɛnna ne basa gyee no, na ne tenenee wowaa no.


Na mogya akeka mo nsam, na amumuyɛ agu mo nsateaa ho fi; mo ano keka atorosɛm, mo tɛkyerɛma woro nkontompo.


Na obiara nni hɔ a ɔbɔ wo din na ɔkanyan ne ho sɔ wo mu; na woayi w’ani ahunta yɛn, na yɛn amumuyɛ nti woama yɛayera.


Ɔpanin ne animuonyamfoɔ no ne etire no, na odiyifoɔ atorɔkyerɛkyerɛni ne dua no.


Na ɛsiane sɛ wode w’ani ato wo nnwuma ne w’akoradeɛ soɔ nti, wo nso, wɔbɛfa wo, na Kemos, n’asɔfoɔ ne n’asafohene abɔ mu afiri adi akɔ tukorɔ mu.


Montu mmirika nkyini Yerusalem mmorɔno so, na monhwɛ ɛ, na monhunu, na monhwehwɛ ne mmɔntene so, sɛ mobɛhunu onipa bi, sɛ obi wɔ hɔ a ɔdi asɛntenenee, na ɔhwehwɛ nokorɛ, na memfa nkyɛ no.


Mommfa mo ho nnto atorosɛm yi so sɛ: AWURADE asɔrefie, AWURADE asɔrefie, AWURADE asɔrefie nie!


Hwɛ, mode mo ho to atorosɛm a ɛnyɛ mma hwee no so.


Montie AWURADE asɛm, Israel mma, na AWURADE ne asase sofoɔ anya ɔham. Na nokorɛ ne adɔeɛ ne Nyankopɔn ho nimdeɛ biara nni asase so.


Wɔnnue, wɔn a wɔdwene amumuyɛsɛm ne wɔn a wɔsiesie bɔne, wɔn mpa soɔ; anɔpa hann mu wɔyɛ, ɛfiri sɛ ɛwɔ wɔn nsam tumi mu,


Na Yudafoɔ no nso foaa no so sɛ nsɛm yi te saa.


na akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no wie nyini a, ɛwo owuo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios