Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 59:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Yɛn nyinaa pɔ so sɛ asisire, na yɛsi apini sɛ mmuburo; yɛtwɛn atemmuo nso ebi nni hɔ, ne nkwagyeɛ, na ɛne yɛn ntam ware.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Yɛn nyinaa pɔ so sɛ asisire, na yɛsi apini sɛ mmuburo; yɛtwɛn atemmuo nso ebi nni hɔ, ne nkwagyeɛ, na ɛne yɛn ntam ware.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Yɛn nyinaa woro so te sɛ sisi; yɛde awerɛhow kurum sɛ mmorɔnoma. Yɛhwehwɛ atɛntrenee nso yenhu bi; ogye, nanso ɛwɔ akyirikyiri.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Yɛn nyinaa pɔ so te sɛ sisire; yɛde awerɛhoɔ kurum sɛ mmorɔnoma. Yɛhwehwɛ atɛntenenee nso yɛnhunu bi; ɔgyeɛ nanso ɛwɔ akyirikyiri.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Yɛn nyinaa po so sɛ asisi, na yesisi apini sɛ mmorɔnoma; yɛtwɛn atemmu, nso ebi nni hɔ, ne nkwagye, nso ɛne yɛn ntam ware.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 59:11
19 Referencias Cruzadas  

Wɔn a wɔdi mmusuo akyire twe bɛn, wɔne wo mmara ntam ware.


Abɔnefoɔ ne nkwagyeɛ ntam ware, na wɔnhwehwɛ w’ahyɛdeɛ akyiri kwan.


mahodwo na mabubu pasaa, m’akoma apinisie nti mesu denden.


Wɛn w’aso ma me, na gye me so. M’adwene mu nnwane wɔ m’abooboo mu, na mesi apini,


Ampa ara, ne nkwagyeɛ bɛn wɔn a wɔsuro no, na animuonyam atena yɛn asase so.


Mesii apini sɛ asomfenakatakyi, sɛ asukɔnkɔn, medii abooboo sɛ aburuburo; m’aniwa yɛɛ siamoo hwɛɛ ɔsoro sɛ: O AWURADE, me ho kyere me, di ma me!


Wo mma totɔɔ piti boaboaa hɔ mmorɔno nyinaa ntweaso sɛ ɔforoteɛ a ɔda fidie mu, na AWURADE abufuhyeɛ, wo Nyankopɔn animka, ayɛ wɔn amaama.


Na wɔadane atemmuo ani, na tenenee akɔgyina akyirikyiri; na nokorɛ ahwe ase edwam, na deɛ ɛtene ntumi mma mu.


Asomdwoeɛ kwan deɛ, wɔnnim, na atɛntenenee nni wɔn akwan mu; wɔayɛ wɔn akwan nkontonkyi, obiara a ɔfa soɔ nnim asomdwoeɛ.


Enti na atemmuo ne yɛn ntam awareɛ, na tenenee nso nto yɛn no; yɛtwɛn hann, na hwɛ, esum nie, ne ɔhyerɛn nso, na sum kabii mu na yɛnam.


Yɛhwɛɛ asomdwoeɛ kwan, nso biribi pa biara amma, ne ɔyaresa berɛ nso, na hwɛ, akomatuo nko.


O sɛ me tiri yɛɛ nsuo na m’ani yɛɛ nisuo abura a, anka mɛsu me man babaa wuo no awia ne anadwo.


Woasum me kra afiri asomdwoeɛ ho, me werɛ afiri sɛdeɛ ahotɔ teɛ,


Na wɔn mu adwanefoɔ firi mu a, wɔbɛkɔ akɔtena mmepɔ so, na wɔn nyinaa ayɛ sɛ mmonhwa mu mmuburo a wɔsisi apini, obiara n’amumuyɛ ho.


Na wɔnsu mfrɛɛ me wɔn akoma mu, na wɔbobom wɔn, nnaeɛ so; ayuo ne nsa nti na wɔdi nkyeresoɔ, wɔte m’anim atua.


Na wɔahyɛ no saa, wɔapa Ninewe ho, wɔafa no kɔ, na ne mmaawa si apini sɛdeɛ mmuruburo pempem wɔn kokoɔ.


Na Ninewe te sɛ ɔtadeɛ firi ne tete nna mu; na wɔn de ɛ, wɔdwane. Monnyina, monnyina! Na obiara nnane n’ani.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios