Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 57:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na wode ngo tuu kwan de kɔmaa Molek, na womaa wo nnuhwam dɔɔso, na wosomaa w’abɔfoɔ akyirikyiri, na wobrɛɛ wo ho ase kɔɔ Asamando.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na wode ngo tuu kwan de kɔmaa Molek, na womaa wo nnuhwam dɔɔso, na wosomaa w’abɔfoɔ akyirikyiri, na wobrɛɛ wo ho ase kɔɔ Asamando.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Mode ngo kɔɔ Molek nkyɛn na momaa mo nnuhuam dɔɔso. Mosomaa mo ananmusifo kɔɔ akyirikyiri; mosian kɔɔ ɔda mu ankasa!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Mode ngo kɔɔ Molek nkyɛn na momaa mo nnuhwam dɔɔso. Mosomaa mo ananmusifoɔ kɔɔ akyirikyiri; mo siane kɔɔ ɛda mu ankasa!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na wode ngo tuu kwan de kɔmaa ɔhene no, na womaa wo nnuhuam dɔɔso, na wosomaa w’abɔfo akyirikyiri, na wobrɛɛ wo ho ase kɔɔ asaman.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 57:9
12 Referencias Cruzadas  

mede kurobo ne pɛprɛ ne duapapo mapete me nnaeɛ so.


Enti wɔbrɛ onipa ase, na wɔde mmarima hwe fam: Mfa nkyɛ wɔn.


Nnwamamfoɔ nyinaa, wɔma wɔn akyɛdeɛ, na wo deɛ, wode w’akyɛdeɛ kyekyɛ w’adɔfoɔ nyinaa, na woma wɔn adanmudeɛ, sɛ wɔmfiri mmaa nyinaa mmra wo nkyɛn adwamammɔ.


Ɛnna ɔde n’ani hwɛeɛ no, n’ani beree wɔn, na ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ wɔn nkyɛn Kaldea.


Na mpo wɔsoma maa wɔkɔhyiaa mmarima a wɔfiri akyirikyiri bae, na wɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ wɔn nkyɛn, na hwɛ, wɔbae; wɔn na wodwaree wo ho maa wɔn, de adubire kekaa w’ani, na wode ahyehyɛdeɛ hyehyɛɛ wo ho,


Na ɔhene no bɛyɛ deɛ ɔpɛ, na ɔbɛma ne ho so adi onyame biara so akokurokosɛm, na ɔbɛka anwanwasɛm atia anyame mu Nyame no, na ɛbɛsi no yie akɔsi sɛ wɔbɛda abufuo no adi awie; na deɛ wɔahyɛ no pintinn no, wɔbɛyɛ.


Efraim hwe mframa, na ɔdi apueeɛ ahum akyi; daa nyinaa wɔma atorɔ ne ɔsɛeɛ dɔɔso, na wɔne Asiria kɔ apam, na wɔsoa ngo kɔ Misraim.


Na Efraim adane sɛ aburuburo, ɔkwasea a ɔnni ti; wɔrepɛ Misraim hɔ mmoa no, na wɔredan Asiria nso.


Mommma obi mfa anisoɔ ahobrɛaseɛ ne abɔfosom mmma nkonimboɔ no mmɔ mo, sɛ ɔkura nnoɔma a wahunu pɛn mu, na ɔhoran kwa wɔ ne honam adwene mu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios