Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 57:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Bepɔ sorɔnsorɔn a ɛkorɔn so na wotoo wo mpa, ɛhɔ ara nso na woforo kɔ kɔbɔɔ afɔdeɛ;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Bepɔ sorɔnsorɔn a ɛkorɔn so na wotoo wo mpa, ɛhɔ ara nso na woforo kɔ kɔbɔɔ afɔdeɛ;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Moasiesie mo nnabea wɔ koko a ɛkorɔn so; ɛhɔ na mokɔ kɔbɔ afɔre.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Moasiesie mo daberɛ wɔ kokoɔ a ɛkorɔn so; ɛhɔ na mokɔ kɔbɔ afɔdeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Bepɔw sorɔnsorɔn a ɛkorɔn so na wosɛw wo nnae, ɛhɔ ara nso na woforo kɔe kɔbɔɔ afɔre;

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 57:7
12 Referencias Cruzadas  

Na mo deɛ, montwe mmra ha, ɔbaabayifoɔ mma, ɔwaresɛefoɔ ne odwamamfoɔ asefoɔ.


Mɛka mo amumuyɛdeɛ ne mo agyanom amumuyɛdeɛ abom atua so ka, AWURADE na ɔseɛ; ɛfiri sɛ wɔahye aduhwam wɔ mmepɔ soɔ na wɔasopa me wɔ nkokoɔ soɔ nti, mɛsusu wɔn akane nneyɛɛ atua so ka.


Na mefiri teteete na mebubuu wo kɔnnua tetee wo nkyehoma mu, na wokaa sɛ: Merensom! Ɛfiri sɛ nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase na woda bɔ adwaman.


Ma w’ani so kyerɛ nkokoɔ pataa so, na hwɛ! Ɛhe na wonguu wo ho fi? Akwankyɛn na wote twɛn wɔn, sɛ ɛserɛ so Arabni, na wode w’adwamammɔ ne wo nnebɔne agu asase no ho fi.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me Ɔhene Yosia berɛ so sɛ: Woahunu deɛ ɔkobɔfoɔ Israel ayɛ yi? Wakɔ bepɔ biara a ɛkorɔn so ne dua biara a ayɛ frɔmm ase akɔbɔ adwaman wɔ hɔ.


Na wofaa wo ntadeɛ no bi de yɛɛ nsaasaawa wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ fae, na wobɔɔ so adwaman, nnoɔma a ɛte saa bi mmaa da, ɛrenyɛ saa nso.


wotoo dampan faeɛ na woyɛɛ pampa faeɛ, mmɔntene nyinaa soɔ.


Nkwantia nyinaa wotoo wo pampa, na woguu w’ahoɔfɛ no ho fi, na wobaee w’ananmu maa obiara a ɔsene, na womaa w’adwamammɔ dɔɔso.


Na Babelfoɔ baa ne nkyɛn ne no bɛdae ɔdɔ mpa so, na wɔde wɔn adwamammɔ guu ne ho fi; na ɔde wɔn guu ne ho fi no, ɔtee ne kra firii wɔn ho.


na wɔtenaa nnaeɛ a anim yɛ duro so, na ɛpono a wɔatoɔ si w’anim, na wode m’aduhwan ne me ngo sisii so.


Na mobɛhunu sɛ mene AWURADE, sɛ wɔn atɔfoɔ bɛdeda wɔn abosom ahoni ntam, atwa wɔn afɔrebukyia ho ahyia, nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so ne mmepɔ atifi nyinaa ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase ne adum akusukusuu nyinaa ase, deɛ wɔhye hɔ aduhwam ma wɔn abosom ahoni nyinaa no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios