Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 57:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Asubonhwa mu aboɔ torotoro mu na wo kyɛfa wɔ, ɛno, ɛno ne wo kyɛfa, nso ɛno so na wohwiee ahwiesa na wode ayɛyɛdeɛ guiɛ, yeinom so na me bo bɛdwo anaa?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Asubonhwa mu aboɔ torotoro mu na wo kyɛfa wɔ, ɛno, ɛno ne wo kyɛfa, nso ɛno so na wohwiee ahwiesa na wode ayɛyɛdeɛ guiɛ, yeinom so na me bo bɛdwo anaa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Anyame a wɔyɛ abo trontrom, a ɛwɔ aku a mu dɔ mu no, wɔyɛ mo kyɛfa. Wɔn na mopɛ. Yiw, moahwie nsa afɔrebɔde agu wɔn so na mode aduan afɔrebɔde ama wɔn. Eyinom nyinaa akyi, mingow me nsam ana?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Anyame a wɔyɛ aboɔ tromtrom, a ɛwɔ mmɔnhwa a emu dɔ mu no, wɔyɛ mo kyɛfa. Wɔn na mopɛ. Aane, moahwie nsã afɔrebɔdeɛ agu wɔn so na mode aduane afɔrebɔdeɛ ama wɔn. Yeinom nyinaa akyi, mengo me nsam anaa?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 asubon mu abo torotoro mu na wo kyɛfa wɔ, ɛno, ɛno ne wo ntonto, nso ɛno so na wuhwiee ahwiesa na wode ayɛyɛde gui, so eyinom so na me bo bedwo anaa?

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 57:6
13 Referencias Cruzadas  

Na mo a mogya AWURADE na mo werɛ firi me bepɔ kronkron no na moto pono ma Siadeɛ bosom na mohyɛ afrasa nkuruwa amama ma Hyɛberɛ bosom no,


Deɛ ɔkum nantwie no te sɛ deɛ ɔkum nipa; deɛ ɔkum odwan bɔ afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔbu ɔkraman kɔn mu; deɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔde prako mogya ba; deɛ ɔhye ohwamfufuo no te sɛ deɛ ɔhyira ohoni. Wɔn deɛ, wɔayi wɔn akwan, na wɔn kra ani sɔ wɔn akyiwadeɛ;


Na Yerusalem afie ne Yuda ahemfo afie no ho bɛgu fi sɛ Tofet hɔ, adan a wɔahyehye atifi aduhwam ama ɔsoro asafo no nyinaa, na wɔahwie ahwiesa ama anyame foforɔ no nyinaa bɛyɛ sɛ Tofet.


Na adwamammɔ a wammu no hwee nti, ɔguu asase no ho fi, na ɔne ɔboɔ ne dua too awadeɛ.


na Kaldeafoɔ a wɔne kuro yi reko no bɛba abɛto kuro yi mu gya, na wɔahye ɛno ne adan a wɔahye atifi aduhwam ama Baal na wɔahwie ahwiesa ama anyame foforɔ, sɛ wɔde rehuru me boɔ no.


Merentua yeinom so ka anaa? AWURADE asɛm nie, anaasɛ merentɔ ɔman a ɛte sei so were?


Merentua yeinom so ka anaa? AWURADE asɛm nie, anaasɛ merentɔ were ɔman a ɛte sɛɛ so anaa?


Mma tase nnyina, na agyanom sɔ ogya, na mmaa fete mmɔre sɛ wɔreyɛ taterɛ ama ɔsoro hemmaa no, na wɔagu anyame foforɔ ahwiesa, de yi me abufuo.


Meremmɛtwe wɔn aso wɔ yei nti anaa? AWURADE asɛm nie, anaasɛ me kra rentɔ ɔman a wɔte sɛɛ no so were?


Na mo, Israel fie, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Monkɔ nkɔsom mo abosonhuhuo ɛ, seesei ne daakye, sɛ moantie me a, ɛnneɛ na mommfa mo ayɛyɛdeɛ ne mo abosonhuhuo no ngu me din kronkron no ho fi bio.


Due, wo a woka kyerɛ dua sɛ: Nyane! Na woka kyerɛ ɔboɔ mum sɛ: Sɔre! Ɛno na ɛbɛkyerɛ adeɛ anaa? Hwɛ, wɔde sika ne dwetɛ adura ho, na ahome biara nni mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios