Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 57:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Hwan ho na mogorɔ? Hwan so na motrɛtrɛ mo anomu na motwe mo tɛkyerɛma mu yi? Ɛno, ɛnyɛ mmarato ne atorofoɔ mma ne mo anaa?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Hwan ho na mogorɔ? Hwan so na motrɛtrɛ mo anomu na motwe mo tɛkyerɛma mu yi? Ɛno, ɛnyɛ mmarato ne atorofoɔ mma ne mo anaa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Hena na moreserew no? Hena na moredi ne ho fɛw na morebɔ no adapaa yi? Monnyɛ atuatewfo fekuw ne atorofo asefo ana?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Hwan na moresere no? Hwan na moredi ne ho fɛ na morebɔ no adapaa yi? Monnyɛ atuatefoɔ fekuo ne atorofoɔ asefoɔ anaa?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Hena ho fɛw na mudi yi? Hena so na motɛɛtɛɛ mo anom na motwe mo tɛkrɛma mu yi? Ɛno, ɛnyɛ mmarato mma ne atoro asefo ne mo anaa?

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 57:4
33 Referencias Cruzadas  

Nanso wɔdii Nyankopɔn abɔfoɔ no ho fɛw, na wɔbuu ne nsɛm no animtia, na wɔsereseree n’adiyifoɔ no de kɔsii sɛ AWURADE abufuhyeɛ no sɔre tiaa ne man no a wɔannya ano aduro.


Wɔtrɛ wɔn anomu kyerɛ me sɛ gyata a ɔteteɛ na ɔbobom.


Metumi mekan me nnompe nyinaa, wɔn deɛ, wɔhwɛ me de gye wɔn ani.


Wɔn a wɔhu me nyinaa di me ho fɛw trɛ wɔn anomu woso wɔn tiri ka sɛ:


Na wɔtrɛ wɔn anomu bayaa wɔ me so, wɔse: Wiɛ, wiɛ, yɛn ani ahunu!


Wɔn a wɔtete kuro pono mu ka me ho asɛm, na nsanomfoɔ de me to dwom.


Woda so ma wo ho so na wosi me man kwan sɛ woremma wɔnkɔ.


Ao, ɔman nnebɔneyɛfoɔ, ɔman a wɔn asodie yɛ duro, amumuyɛfoɔ asefoɔ, mma a wɔaporɔ! Wɔagya AWURADE, wɔabu Israel Kronkronni no animtia, wɔasane wɔn akyi.


Akuma hoahoa ne ho wɔ deɛ ɔde no twa adeɛ no so, anaasɛ ɛwan ma ne ho so wɔ deɛ ɔtwe no no so? Sɛ dabrɛ dua tumi him deɛ ɔma soɔ no, anaasɛ poma tumi ma deɛ ɔnyɛ dua no so!


Wɔnnue, mma atuatefoɔ, AWURADE na ɔseɛ, wɔn a wɔdi agyinatusɛm soɔ, na ɛmfiri me, na wɔyɛ nkabom bi, na ɛnyɛ me honhom soɔ, sɛ wɔde bɔne bɛka bɔne ho no.


Na wɔyɛ atuateɛ man, mma atorofoɔ, mma a wɔmpɛ sɛ wɔtie AWURADE mmara.


Hwan na woasopa no na woaya no? Na hwan so na woama wo nne soɔ na wɔama w’ani atra wo ntɔn? Wode atia Israel Kronkronni no.


Ɛsiane sɛ wobɔ me so dam na wo dwɛɛbɔ aforo abɛduru m’aso mu nti, mede me kaa bɛhyɛ wo hwenem na mede me manniamfrɛ ato w’anomu, na masane wo afa kwan a wonam so baeɛ no so akɔ.


Wontee pɛn, nso wonhunui, ɛfiri tete na w’aso mmueeɛ; na menim sɛ nkontompo ara na wotwa, na wɔfrɛ wo mmaratofoɔ firi yafunu mu.


Mo a mo ani so yɛ hyeɛ abosonnua no ho, nnua frɔmfrɔm nyinaa ase, na mokunkumm mo mmɔfra asubonhwa mu, abotan mpaepaeɛ ase!


Na daa merekasa a, ɛma meteam, atiritirasɛm ne ɔsɛeɛ na ɛma mesu mefrɛ, na AWURADE asɛm adane me ahohora ne nsopa daa nyinaa.


Wɔyɛ aniɛdenfoɔ a wɔapirim wɔn akoma; me na meresoma wo wɔ wɔn nkyɛn, na woaka akyerɛ wɔn sɛ: Sei na AWURADE Nyankopɔn seɛ.


Israel, wofiri Gibea nna no so ayɛ bɔne; ɛhɔ na wɔtoaa soɔ; Gibea sa a wɔtuu no mmabusufoɔ no soɔ no anto wɔn.


Enti AWURADE na wo ne w’asafo nyinaa ahyia atia no; na Aaron deɛ, hwan ne no na monwiinwii tia no?


afuo no ne wiase; aba pa no ne ahennie no mma; wura no ne ɔbɔnefoɔ no mma;


na wɔde nkasɛɛ nwonoo abotire hyɛɛ ne ti, na wɔde demmire hyɛɛ ne nsa nifa mu, na wɔbuu nkotodwe n’anim goroo ne ho sɛ: Yudafoɔ hene, mo oo!


Deɛ ɔtie mo no, watie me; na deɛ ɔpa mo no, wapa me. Na deɛ ɔpa me no, wapa deɛ ɔsomaa me no.


Na ɔhwee fam, na ɔtee nne bi a ɛka kyerɛɛ no sɛ: Saulo, Saulo, adɛn na wotaa me?


Mommma obi mmfa nsɛnhunu nnnaadaa mo; na saa nnoɔma no nti na Nyankopɔn abufuhyeɛ ba wɔn a wɔyɛ asoɔden soɔ.


Yeinom na ɛde Nyankopɔn abufuo ba, [wɔ asoɔdenfoɔ mma so]


na ɔman no nyinaa sane baa nsraban no mu Yosua nkyɛn wɔ Makeda dwoodwoo. Obiara antwe ne tɛkyerɛma antia Israelfoɔ no.


na wɔbɛnya deɛ ɛntene so akatua. Deɛ wɔbu no anigyeɛ ne daa ahohwie asetena, wɔyɛ nkekaeɛ ne dɛm, wɔde wɔn apempensie bɔ ahohwie, nanso na wɔne mo redidi,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios