Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 55:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Monyɛ aso ɛ, na mommra me nkyɛn, montie, na mo kra nnya nkwa. Na me ne mo bɛpam daa apam, Dawid adɔeɛyɛdeɛ a ɛsi hɔ pintinn no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Monyɛ aso ɛ, na mommra me nkyɛn, montie, na mo kra nnya nkwa. Na me ne mo bɛpam daa apam, Dawid adɔeɛyɛdeɛ a ɛsi hɔ pintinn no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Monyɛ aso, na mommra me nkyɛn; muntie me, na mo kra anya nkwa. Me ne mo bɛyɛ apam a ɛte hɔ daa, me dɔ a to ntwa da a mede hyɛɛ Dawid bɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Monyɛ aso, na mommra me nkyɛn; montie me, na mo kra anya nkwa. Me ne mo bɛyɛ apam a ɛte hɔ daa, me dɔ a ɛtoɔ ntwa da a mede hyɛɛ Dawid bɔ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Monyɛ aso ɛ, na mommra me nkyɛn, muntie, na mo kra nnya nkwa. Na me ne mo bɛpam daa apam: Dawid adɔeyɛde a esi hɔ pintinn no.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 55:3
45 Referencias Cruzadas  

Na mɛma me ne wo ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyire no apam agyina wɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu, na ayɛ daa apam, na mayɛ wo ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyire no Nyankopɔn.


Ahempoma remfiri Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfiri ne nan ntam de kɔsi sɛ ɛsodifoɔ a aman bɛyɛ setie ama no no bɛba.


Aane, ɛnyɛ saa na me fie teɛ wɔ Nyankopɔn nkyɛn? Na ɔne me apam daa apam, wasiesie nnoɔma nyinaa mu na wɔhwɛ so. Na me mmoa nyinaa ne deɛ mepɛ nyinaa, ɔremma no mfefɛ anaa?


na afei ma no nyɛ wo fɛ sɛ wobɛhyira w’akoa fie na agyina wɔ w’anim daa. Na wo, O AWURADE Nyankopɔn, wo na woaka, na wo nhyira mu na wɔbɛhyira w’akoa fie daa.


AWURADE Nyankopɔn, nyi w’ani mfiri deɛ woasra no no so. Kae adɔeɛ a wode yɛɛ w’akoa Dawid no.


Makom m’akoma sɛ mɛyɛ w’ahyɛdeɛ daa makɔsi aseɛ.


Ma me kra ntena ase nyi wo ayɛ, na w’atemmuo mmoa me.


Me man, monyɛ aso mma me nkyerɛkyerɛ, monwɛn mo aso mma m’anomu nsɛm.


Mɛkora m’adɔeɛ mama no daa, na m’apam atim hɔ ama no.


Mɛma n’asefoɔ atena hɔ daa, ne n’ahennwa sɛ ɔsoro nna.


na Mose kaa sɛ: Sɛ wobɛtie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na woayɛ deɛ ɛtene wɔ n’anim, na woatie ne mmara nsɛm, na woadi n’ahyɛdeɛ nyinaa so a, ɛnneɛ meremfa yadeɛ a mede meguu Misraim soɔ no biara mengu wo so; na mene AWURADE, wo yaresafoɔ no.


Me ba, tie me nsɛm, wɛn w’aso ma me kasa.


Di me mmara nsɛm so na nya nkwa, na bu me mmara sɛ w’aniwa kurutuawisi.


Me nkurɔfoɔ, montie me, na me man, monyɛ aso mma me, na mmara bɛfiri me nkyɛn akɔ, na mama m’atemmuo atim hɔ ayɛ aman hann.


Na mmepɔ bɛtwe akɔ na nkokoɔ atutu, na m’adɔeɛ deɛ, ɛrentwe mfiri wo so, na m’asomdwoeɛ apam no rentutu, AWURADE a ne yam hyehye no ma woɔ no na ɔseɛ.


Abufuo mmorosoɔ mu na mede m’ani mehuntaa wo kakraa bi, nanso mede daa adɔeɛ bɛhu wo mmɔbɔ, wo Gyefoɔ AWURADE na ɔseɛ.


Na me, AWURADE, medɔ atemmuo, mekyiri atirimuɔden ne adwotwa, na mɛtua wɔn ka nokorɛ mu, na me ne wɔn apam daa apam.


Na wɔbɛsom AWURADE, wɔn Nyankopɔn, ne wɔn hene Dawid a mɛma no so mama wɔn no.


Na me ne wɔn bɛpam daa apam, na merensane mfiri wɔn akyiri sɛ merenyɛ wɔn yie bio, na mede me suro bɛhyɛ wɔn akoma mu, na wɔamfiri me nkyɛn.


ɛno ansa na anka mɛpo Yakob asefoɔ ne m’akoa Dawid nso, na mamfa n’asefoɔ mu nnipa a wɔbɛsi Abraham ne Isak ne Yakob asefoɔ soɔ. Na mede wɔn nnommum bɛsane aba, na mahu wɔn mmɔbɔ.


Na Yeremia se: Wɔrenyi wo mma. Tie AWURADE ɛ, sɛdeɛ mereka makyerɛ woɔ yi, na asi wo yie, na wo kra anya nkwa.


Wɔbɛbisa Sion akyiri kwan, ɛhɔ na wɔn ani kyerɛ, aka sɛ: Mommra mma yɛnkɔfam AWURADE ho, wɔ daa apam a yɛn werɛ remfire mu.


Na me deɛ, mɛkae m’apam a me ne wo pamm no wo mmabaaberɛ mu no, na mɛma daa apam atim hɔ ama wo.


na me AWURADE, mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, na m’akoa Dawid ayɛ wɔn mu berempɔn; me, AWURADE, na maka.


Na me ne wɔn bɛpam asomdwoeɛ apam, na mahye mmoa bɔne ase, asase no so, na wɔatena ɛserɛ so dwoodwoodwoo, na wɔadeda kwaeɛ mu.


Na me ne wɔn bɛpam asomdwoeɛ apam, ɛbɛyɛ wɔn daa apam, na wɔatim na mama wɔakyene, na mede me kronkronbea bɛsi wɔn mu akɔsi daa.


Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na monkora m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ a onipa a ɔyɛ no bɛnya mu nkwa no. Mene AWURADE.


Na sɛ AWURADE ka kyerɛ Israel fie nie: Monhwehwɛ m’akyiri kwan na monnya nkwa.


Monhwehwɛ AWURADE akyiri kwan na monnya nkwa, na wampue sɛ ogya Yosef fie, na wanhye a obi a ɔbɛdum nni hɔ mma Betel;


Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome.


Na mo deɛ, nhyira ne mo ani sɛ ɛhunu, ne mo aso sɛ ɛteɛ.


Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Montie no!


Me nnwan tie me nne, na me nso menim wɔn, na wɔdi m’akyi;


Wɔn a Agya no de wɔn ma me nyinaa bɛba me nkyɛn; na deɛ ɔba me nkyɛn no, merento no ntwene da,


Na da a ɛdi akyire a ɛyɛ afahyɛ no mu da kɛseɛ no, Yesu sɔre gyinae, na ɔteaa mu sɛ: Sɛ osukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn, mmɛnom nsuo!


Deɛ ɔfiri Nyankopɔn mu no tie Nyankopɔn asɛm; deɛ enti montie wɔn ne sɛ, momfiri Nyankopɔn mu.


Na sɛ ɔnyanee no firii awufoɔ mu, na ɔrensane nkɔ porɔ mu bio no, ɔkaa no wɔ saa kwan yi so sɛ: Mede Dawid adonneɛ a ɛsi hɔ pintinn no bɛma mo.


Na Mose twerɛ tenenee a ɛfiri mmara mu no ho asɛm sɛ: Onipa ko a ɔdi yei soɔ no bɛnya mu nkwa.


Na asomdwoeɛ Nyankopɔn a ɔnam daa apam no mogya soɔ, ayi nnwan no hwɛfoɔ kɛseɛ a ɔne yɛn Awurade Yesu afiri awufoɔ mu no,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios