Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 53:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Saa nti mɛkyɛ adeɛ mu mama no nnipa bebree mu na ɔne ahoɔdenfoɔ akyɛ asadeɛ, ɛfiri sɛ ɔde ne kra too hɔ maa owuo, na wɔabu no afra mmaratofoɔ mu, nso ɔno na wasoa nnipa bebree bɔne, na wadi ama mmaratofoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Saa nti mɛkyɛ adeɛ mu mama no nnipa bebree mu na ɔne ahoɔdenfoɔ akyɛ asadeɛ, ɛfiri sɛ ɔde ne kra too hɔ maa owuo, na wɔabu no afra mmaratofoɔ mu, nso ɔno na wasoa nnipa bebree bɔne, na wadi ama mmaratofoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Enti mɛma no kyɛfa wɔ atitiriw mu, na ɔne ahoɔdenfo bɛkyɛ asade efisɛ ɔde ne nkwa too hɔ maa owu, na wɔkan no fraa mmaratofo. Ɔsoaa nnipa bebree bɔne, na odi maa mmaratofo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Enti mɛma no kyɛfa wɔ akɛsefoɔ mu, na ɔne ahoɔdenfoɔ bɛkyɛ asadeɛ ɛfiri sɛ ɔde ne nkwa too hɔ maa owuo, na wɔkan no fraa mmaratofoɔ. Ɔsoaa nnipa bebree bɔne, na ɔdi maa mmaratofoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Ne saa nti mɛkyɛ ade mu mama no, nnipa bebree mu, na ɔne ahoɔdenfo akyɛ asade, efisɛ ɔde ne kra too hɔ maa owu, na wɔabu no afra mmaratofo, nso ɔno na wasoa nnipa bebree bɔne, na wadi ama mmaratofo.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 53:12
38 Referencias Cruzadas  

Na mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ntam, ɛne w’asefoɔ ne n’asefoɔ ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo tire, na wo nso woaka ne nantin.


Na afei me kra nane gu me mu, amanehunu nna asosɔ me mu.


Bisa me, na mede amanaman bɛyɛ wo apɛgyadeɛ, na mama woafa asase ano nohoa adi so


Wɔahwie me agu sɛ nsuo, na me nnompe nyinaa ahwinhwan n’akwaa so. M’akoma ayɛ sɛ akraa, anane wɔ me yam.


Ɔtamfoɔ no kaa sɛ: Mɛti wɔn, mɛto wɔn, mɛkyɛ asase no mu, wɔbɛmee me kra. Mɛtwe me nkrantɛ, me nsa bɛsɛe wɔn.


Na me deɛ, mekaa sɛ: Mabrɛ magu, masɛe m’ahoɔden ama adehunu ne ahuhudeɛ, nanso m’atemmuo wɔ AWURADE nkyɛn, na m’adwuma so adeɛ wɔ me Nyankopɔn nsam.


Hwɛ, m’akoa bɛdi yie, wɔbɛpagya, na wɔama no so na wakorɔn sɛ.


saa ara na ɔbɛma amanaman pii abobɔ pirie, na ahemfo amuamua wɔn ano wɔ ne ho, ɛfiri sɛ deɛ wɔnka nkyerɛɛ wɔn no, wɔhunu, na deɛ wɔntee da no, wɔte aseɛ.


Yɛn nyinaa wowɔɔ ntwɛtwɛdɛ sɛ nnwan, yɛdanedanee fefaa yɛn akwan so, na AWURADE maa yɛn nyinaa amumuyɛ kɔhwee ne so.


Wɔde ahodwan ne atemmuo yii no kɔe; ne berɛsofoɔ nso, hwan na ɔdwenee ho sɛ wɔahwim no afiri ateasefoɔ asase so korɔ, na me man mmarato nti na wɔbobɔɔ no?


Ɛno nti sɛdeɛ wohunuu sɛ ɔboɔ a nsa anka te firii bepɔ no ho, na ɛbɛbubuu dadeɛ, kɔbere mfrafraeɛ, ɛfa, dwetɛ ne sika no muhumuhu no, saa ara na Onyankopɔn kɛseɛ no akyerɛ ɔhene deɛ daakye ɛbɛba; na daeɛ no wom na ne nkyerɛaseɛ yɛ nokorɛ.


Ɔkɔɔ bio ne mprenu so kɔbɔɔ mpaeɛ sɛ: M’agya, sɛ yei rensiane me ho nkɔ na gye sɛ menom a, wo pɛ nyɛ hɔ.


Na wɔsɛnee akwanmukafoɔ baanu kaa ne ho, ɔbaako wɔ ne nifa, na ɔbaako wɔ ne benkum;


[na atwerɛsɛm a ɛse: Wɔakan no afra amumuyɛfoɔ mu no baa mu.]


Na mese mo sɛ, yei a wɔatwerɛ nso, ɛtwa sɛ ɛba mu wɔ me ho sɛ: Wɔakan no afra mmaratofoɔ mu. Na deɛ ɛfa me ho no wɔ awieeɛ.


Na ɔgyaee deɛ sakasaka ne awudie nti wɔde no kɔtoo afiase a wɔsrɛɛ no no maa wɔn, na Yesu deɛ, ɔyii no mae sɛdeɛ wɔpɛ.


Na woabue wɔn ani, na wɔadane afiri sum mu aba hann mu, na wɔafiri Satan tumi ase aba Nyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔne fakyɛ ne agyapadeɛ, wɔn a wɔde gyeɛ a wɔgye me die no ate wɔn ho no mu.


hwan ne deɛ ɔbu fɔ? Kristo Yesu ne deɛ ɔwuiɛ, na mpo wanyane, na ɔte Nyankopɔn nifa nso, nanso ɔdi ma yɛn.


Ɛfiri sɛ, deɛ ɔnnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Nyankopɔn tenenee wɔ ne mu.


Na mpo sɛ wɔhwie me gu sɛ afɔrebɔ wɔ mo gyidie som ho a, m’ani gye, na me ne mo nyinaa di ahurisie.


na watu mpaninnie ne tumidie agu ayi wɔn adi akyerɛ pefee wɔ badwam de adi wɔn so nkonim wɔ mu.


Ɔno na ɔde ne ho maeɛ, maa yɛn, na wagye yɛn afiri mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ ɔno ara ne deɛ a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


nhwɛ gyidie mu kannifoɔ ne ne wiefoɔ Yesu a ɔhwɛɛ anigyeɛ a ɛda n’anim too ne bo ase hunuu asɛnnua amaneɛ, na wammu aniwuo, na wakɔtena Nyankopɔn ahennwa nifa.


Saa nti, ɔbɛtumi agye wɔn a wɔnam ne so ba Nyankopɔn nkyɛn no koraa, ɛfiri sɛ ɔte ase daa sɛ ɔbɛdi ama wɔn.


Na Kristo anhyɛne kronkronbea a wɔde nsa yɛeɛ, a ɛyɛ kronkronbea pa ara no ho nsɛnkyerɛnneɛ no mu, na mmom ɔhyɛnee ɔsoro ankasa sɛ afei ɔrekɔyi ne ho adi Nyankopɔn anim ama yɛn.


ɛnneɛ anka ɛsɛ no sɛ ɔtaa hunu amane firi wiase fapem, na afei a wiase mmerɛ rewie duro yi, wayi ne ho adi prɛko sɛ ɔnam afɔdeɛ a ɔde ne ho bɔeɛ so bɛyi bɔne.


saa ara nso na Kristo a wɔde no bɔɔ afɔdeɛ prɛko sɛ ɔnsoa nnipa bebree bɔne no bɛkwati bɔne ayi ne ho adi ne mprenu soɔ, akyerɛ wɔn a wɔhwɛ no kwan no, de wɔn akɔ nkwagyeɛ mu.


Me mma nkumaa, meretwerɛ yeinom mabrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔkamafoɔ bi, Agya no nkyɛn, ɔno ne Ɔteneneeni Yesu Kristo.


Mma nkumaa, meretwerɛ mabrɛ mo sɛ, ne din nti wɔde mo bɔne akyɛ mo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios