Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 51:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Me nkurɔfoɔ, montie me, na me man, monyɛ aso mma me, na mmara bɛfiri me nkyɛn akɔ, na mama m’atemmuo atim hɔ ayɛ aman hann.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Me nkurɔfoɔ, montie me, na me man, monyɛ aso mma me, na mmara bɛfiri me nkyɛn akɔ, na mama m’atemmuo atim hɔ ayɛ aman hann.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 “Muntie me, me nkurɔfo; monyɛ aso mma me, me man: Mmara no befi me nkyɛn akɔ; na mʼatɛntrenee bɛyɛ hann ama aman no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 “Montie me, me nkurɔfoɔ; monyɛ aso mma me, me ɔman: Mmara no bɛfiri me nkyɛn akɔ; na mʼatɛntenenee bɛyɛ hann ama aman no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Me nkurɔfo, muntie me, na me man, monyɛ aso mma me, na mmara befi me nkyɛn akɔ, na mama m’atemmu atim hɔ ayɛ aman hann.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 51:4
27 Referencias Cruzadas  

na menhunu wɔn a woayi wɔn no nnepa, na m’ani nnye wo nkurɔfoɔ no anigyeɛ ho bi, na me ne w’agyapadeɛ nhyehyɛ yɛn ho.


Ɔnyɛɛ ɔman biara saa da, na n’atemmudeɛ no, wɔnnim. Monyi AWURADE ayɛ!


Nhyira ne nkurɔfoɔ a wɔn Nyankopɔn ne AWURADE, ne ɔman a wayi wɔn de ayɛ ɔno ara n’apɛgyadeɛ.


Me man, montie, na merebɛkasa; Israel tie, na merebɛdi wo adanseɛ: Me, Onyankopɔn, meyɛ wo Nyankopɔn.


Me man, monyɛ aso mma me nkyerɛkyerɛ, monwɛn mo aso mma m’anomu nsɛm.


Na mo deɛ, mobɛyɛ me asɔfoɔ ahemman ne ɔman kronkron. Yeinom ne nsɛm a ka kyerɛ Israelfoɔ no.


Enti mesrɛ wo, sɛ manya w’anim adom a, ma menhunu wo kwan ɛ, na mahu wo, na hunu sɛ nkurɔfoɔ yi yɛ wo man a!


Na mmara nsɛm no yɛ kanea, na nkyerɛkyerɛ no yɛ hann, na atenetene nkaanim yɛ nkwa kwan,


Wɔde atemmuo bɛgye Sion, na wɔde tenenee agye ne mma a wɔanu wɔn ho.


Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so nkɔ Yakob Nyankopɔn fie, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnante n’atempɔn so: Na Sion na mmara bɛfire, na AWURADE asɛm afiri Yerusalem.


Monhini apono no na tenenee man a wɔkora gyidie no nhyɛne mu.


Nso w’atemmuo kwan so na yɛhwɛ wo AWURADE kwan, yɛn kra ani gyina wo din ne wo nkaeɛ.


Na AWURADE ne yɛn temmufoɔ, AWURADE ne yɛn mmarahyɛfoɔ, AWURADE ne yɛn hene, ɔno na ɔbɛgye yɛn nkwa.


AWURADE ani sɔɔ ne tenenee nti, sɛ ɔbɛma mmara no ayɛ kɛseɛ na anya animuonyam.


Me, AWURADE, mafrɛ wo tenenee mu, na masɔ wo nsa, na makora wo, na mede wo mayɛ ɔman apam ne amanaman hann


ɔse: Ɛyɛ hare sɛ wobɛyɛ m’akoa na woama Yakob mmusuakuo soɔ, na wode Israel mu wɔn a wɔakora wɔn no asane aba; na mede wo bɛyɛ amanaman hann, na woayɛ me nkwagyeɛ akɔduru asase ano.


Monyɛ aso ɛ, na mommra me nkyɛn, montie, na mo kra nnya nkwa. Na me ne mo bɛpam daa apam, Dawid adɔeɛyɛdeɛ a ɛsi hɔ pintinn no.


Na ɔse: Me man ara ne wɔn, mma a wɔrenni atorɔ, na ɔyɛɛ wɔn agyenkwa.


Na amanaman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fie, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnante n’atempɔn so; na Sion na mmara bɛfire, na AWURADE asɛm afiri Yerusalem.


kanea a ɛbɛma amanaman so ateɛ na ɛbɛhyɛ wo man Israel animuonyam.


Wɔn a wɔnhyɛ mmara no aseɛ no, meyɛɛ me ho memaa wɔn sɛ obi a ɔnhyɛ mmara no ase, (ɛnyɛ sɛ menni mmara wɔ Nyankopɔn anim, mmom mewɔ Kristo mmara mu,) na manya wɔn a wɔnni mmara no.


Mɛma odiyifoɔ so mama wɔn wɔn nuanom mu sɛ wo; na mede me nsɛm bɛhyɛ n’anomu, na waka deɛ mɛhyɛ no nyinaa akyerɛ wɔn.


Na mo deɛ, moyɛ abusua a wɔayi wɔn, ahene asɔfokuo, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara ne deɛ, sɛ monka deɛ ɔfrɛɛ mo firi esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwanwa mu no ayeyie nkyerɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios