Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 5:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Wɔnnue, wɔn a wɔde atorosɛm homa twe amumuyɛ, na wɔde teaseɛnam ntampehoma twe bɔne,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Wɔnnue, wɔn a wɔde atorosɛm homa twe amumuyɛ, na wɔde teaseɛnam ntampehoma twe bɔne,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Munnue, mo a mode nnaadaa nhoma twetwe bɔne, na mode nteaseɛnam ntampehama twetwe amumɔyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Monnue, mo a mode nnaadaa nhoma twetwe bɔne, na mode nteaseɛnam ntampehoma twetwe amumuyɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Wonnue, wɔn a wɔde amumɔyɛ hama twe atoro na wɔde teaseɛnam ntampehama twe bɔne,

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 5:18
23 Referencias Cruzadas  

Ɔse no n’akomam sɛ: Nyankopɔn werɛ afi, ɔde n’ani ahunta ɔrenhunu ara da.


Ogyegyentwie se n’akomam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe wɔn nneyɛɛ ayɛ akyiwadeɛ, obi nni hɔ a ɔyɛ papa.


Na ɔbu ne ho bi ɔno ara ani so sɛ wɔrenhunu n’amumuyɛ na wɔakyi.


na wɔdi abɔnefosɛm aduane, na amimdie nsa na wɔnom.


Na moka sɛ: Yɛne owuo apam, na yɛne Asamando adi nkasasie; mpire a ɛhwe tra soɔ no, sɛ ɛretwam a, ɛrenka yɛn; ɛfiri sɛ yɛde atorɔ ayɛ yɛn dwanekɔbea, na yɛde nnaadaa akata yɛn so.


Na awaresɛefoɔ ahyɛ asase no so ma; na nnome nti asase no di abooboo, ɛserɛ so adidibea akusa; na wɔn mmirikatuo yɛ bɔne, na wɔn mmaninyɛ nso ntene.


Na Yerusalem adiyifoɔ no mu nso mahunu ahodwirideɛ, wɔsɛe awareɛ na wɔdi atorɔ, na wɔhyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa den, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na obiara ansane amfiri ne bɔne mu; wɔn nyinaa adane me sɛ Sodom, na emufoɔ ayɛ sɛ Gomora.


Sɛ obi de ne ho hunta huntabea bi a, merenhu no anaa? AWURADE asɛm nie. Ɛnyɛ ɔsoro ne asase na mayɛ so ma anaa? AWURADE asɛm nie.


Na ɛbaa sɛ, sɛ Yehudi kenkan nkrataa mmiɛnsa anaa nnan no, ɔde ɔtwerɛfoɔ sekan sunsuanee, na ɔde guu ogya a ɛwɔ adeɛ mu no mu kɔsii sɛ mmobɔeɛ no nyinaa hyeeɛ, ogya a ɛwɔ adeɛ mu no mu.


Adiyifoɔ hyɛ nkɔntorɔ, na asɔfoɔ nam wɔn pɛ so di wɔn koko so asɛm; me man nso pɛ no saa, nanso n’awieeɛ no mobɛyɛ no dɛn?


Ɛsiane sɛ mode atorɔ ma ɔteneneeni a, me deɛ, menhyɛ no awerɛhoɔ no akoma tutuo, na mohyɛ ɔbɔnefoɔ nsa mu den, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wansane amfiri ne kwammɔne so na wannnya nkwa nti,


Na ɛberɛ no mu mede nkanea bɛhwehwɛ Yerusalem mu, na matwe nnipa a wɔagya wɔn ho ama bɔne no aso, wɔn a wɔse no wɔn akoma mu sɛ: AWURADE renyɛ ho hwee.


Wɔbɛtu mo afiri hyia adan mu; mpo ɛberɛ reba a obiara a ɔbɛkum mo bɛsusu sɛ ɔde resom Onyankopɔn.


Ɛwɔ mu sɛ ɛyɛɛ me ara nso sɛ, ɛsɛ me sɛ meyɛ nnoɔma pii metia Yesu Nasareni no din;


Na Mika kaa sɛ: Afei na mahunu sɛ AWURADE rebɛyɛ me yie sɛ manya Lewini a ɔdi me sɔfoɔ yi.


Nso na ɔbarima Mika no wɔ nyamefie, na ɔyɛɛ asɔfotadeɛ ne abusua ahoni, na ɔhyɛɛ ne mma mu baako sɔfoɔ, na ɔbɛyɛɛ ne sɔfoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios