Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 49:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔyɛɛ m’ano sɛ afena nnamnnam, ne nsa ase nwunu mu na ɔde me sieeɛ, na ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnam, ɔde me siee ne kotokuo mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔyɛɛ m’ano sɛ afena nnamnnam, ne nsa ase nwunu mu na ɔde me sieeɛ, na ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnam, ɔde me siee ne kotokuo mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔyɛɛ mʼano sɛ afoa nnamnam, Ɔde me hintaw ne nsa ase nwini mu; ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnam na ɔde me hyɛɛ ne boha mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔyɛɛ mʼano sɛ akofena nnamnnam, Ɔde me hintaa ne nsa ase nwunu mu; ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnam na ɔde me hyɛɛ ne bɔha mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔyɛɛ m’ano sɛ afoa nnamnam, ne nsa ase nwini mu na ɔde me siei, na ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nam, ɔde me siee n’agyan kotoku mu.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 49:2
20 Referencias Cruzadas  

Deɛ ɔte ɔsorosoroni no huntabea, mekyerɛ deɛ ɔtena Otumfoɔ no nwunu ase no


na sɛ m’animuonyam resene a, mede wo bɛhyɛ ɔboɔ tokuro mu, na mede me nsa makata wo so masene ansa,


na tenenee na ɔde bɛbu atɛn ama mmɔborɔni, na ɔde asɛntenenee adi ama asase so amanehunufoɔ; na ɔde n’anomu abaa bɛbɔ asase, na ɔde n’anomu honhom akum ɔbɔnefoɔ;


Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden nie, deɛ mayi no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu ne so; ɔde atemmuo bɛfiri akɔ amanaman mu.


Mo mu hwan na ɔsuro AWURADE, na ɔtie n’akoa asɛm? Deɛ ɔnam sum mu na hann bi nhyerɛn mma no no, ma no mfa ne ho nto AWURADE din so, na ɔntwere ne Nyankopɔn.


AWURADE Nyankopɔn ama me asuafoɔ tɛkyerɛma, sɛ menhunu sɛdeɛ mede asɛm bɛwowa deɛ wabrɛ; ɔnyane me daa anɔpa, ɔbue m’aso ma me, sɛ memfa mentie sɛ asuafoɔ.


Na mede me nsɛm mahyɛ w’anomu, na mede me nsa ase nwunu makata wo so, na matrɛ ɔsoro mu na mato asase fapem, na maka makyerɛ Sion sɛ: Me man ne wo.


Na me deɛ, hwɛ, ɛnnɛ mede wo mayɛ kuro a ɛyɛ den ne dadeɛ dum ne kɔbere mfrafraeɛ afasuo atia asase nyinaa: Yuda ahemfo, wɔn asafohene, wɔn asɔfoɔ ne asase no so nkurɔfoɔ.


Enti menam adiyifoɔ no so mabubu wɔn, na mede m’anomu nsɛm makum wɔn, na m’atemmuo ayi adi sɛ hann.


owia ne ɔsrane gyinagyinaa efie, w’agyan a ɛnenam no hann nti, wo pea anyinam pa hyerɛn no nti.


Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ! Na ɔkaa saa no, ɔgyaa mu.


na momfa nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ ne honhom nkrantɛ a ɛne Nyankopɔn asɛm,


Na Nyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sene nkrantɛ anofanu biara, na ɛhwire mu kɔduru sɛ ɛpaepae ɔkra ne honhom, akwaa ne ekyim mu, na ɛyɛ akoma nsusuiɛ ne adwene temmufoɔ.


na ɔkura nsoromma nson wɔ ne nifa mu, na afena anofanu nnamnnam firi n’anomu, na n’anim te sɛ owia rehyerɛn n’ahoɔden mu.


Na afena nnamnnam bi firi n’anomu a ɔde bɛbobɔ amanaman, na ɔde dadeɛ poma bɛyɛne wɔn. Na ɔno na ɔtiatia Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, abufuo a ɛyɛ den no nsa-kyi-amena no soɔ.


Na Pergamo asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔkura afena anofanu nnamnnam no seɛ:


Enti sakyera w’adwene! Anyɛ saa a, mɛba wo so ntɛm, na mede m’anomu afena ne wɔn ako.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios