Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 48:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 enti na meka mekyerɛɛ woɔ akyɛ; ɛnnya mmaeɛ no, memaa wotee, na woanka sɛ: M’adwinhoni na ɔyɛeɛ, me honi a wɔasene ne me guo honi na wɔhyɛeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 enti na meka mekyerɛɛ woɔ akyɛ; ɛnnya mmaeɛ no, memaa wotee, na woanka sɛ: M’adwinhoni na ɔyɛeɛ, me honi a wɔasene ne me guo honi na wɔhyɛeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Enti, mekaa saa nsɛm yi kyerɛɛ mo dedaada ansa na ɛrebesisi no, mebɔɔ mo nkae sɛnea morentumi nka se, ‘Mʼahoni na wɔyɛe: me dua nsɛsode ne me dade nyame na ɔhyɛe.’

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Enti, mekaa saa nneɛma yi kyerɛɛ mo dadaada. Ansa na ɛrebɛsisi no mebɔɔ mo nkaeɛ sɛdeɛ morentumi nka sɛ, ‘Mʼahoni na ɔyɛeɛ: me dua nsɛsodeɛ ne me dadeɛ nyame na ɔhyɛeɛ.’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 enti na meka mekyerɛɛ wo akyɛ; ennya mmae no, mema wotee, na woanka sɛ: M’adwinhoni na ɔyɛe, me honi a wɔasen ne me gu honi na wɔhyɛe.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 48:5
10 Referencias Cruzadas  

Hwɛ, mereyɛ ade foforɔ bi, afei na ɛrefifire, monhunu? Mɛbɔ ɛserɛ so kwan, mɛma nsubɔntene aba anwea pradada so.


Hwan na ɔte sɛ me? Ma no nka ɛ! Ma no mpae mu nka mfa nsi m’anim. Hwan na ɔfiri tete nteredee kyerɛɛ ɔman a mede bɛsi hɔ daa ne nnoɔma a ɛbɛba no? Ma wɔnkyerɛ yɛn deɛ ɛbɛba no.


Mommma mo akoma nntu, na monnsuro! Ɛno ɛmfiri tete nteredee na memaa moteeɛ na mekaeɛ? Na mone m’adansefoɔ. Onyankopɔn bi wɔ hɔ sɛ me nko? Na ɔbotan biara nni hɔ; mennim obiara.


Monhyia mmra, mommom mpinkyɛ, mo a moafiri mu afire wɔ amanaman mu. Wɔnnim de, wɔn a wɔsoso wɔn ahoni nnua, na wɔkɔ so ara bɔ onyame a ɔntumi nnye nkwa mpaeɛ.


Me a mefiri mfitiaseɛ meka awieeɛ asɛm, na mefiri tete mmerɛ no meka deɛ wɔnyɛeɛ no, meka sɛ: Me tirimbɔ bɛgyina, na deɛ ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ.


Akane nnoɔma no, mefiri mekaeɛ ɛnyɛ nnɛ, na ɛfirii m’anomu, na mama wɔate; mpofirim na meyɛeɛ, na ɛbae.


sɛdeɛ ɔde n’adiyifoɔ kronkron a wɔwɔ hɔ firi teteete no ano kaeɛ no,


Awurade a ɔma wɔhunuu yeinom nyinaa firi wiase asefire no na ɔka.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios