Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 48:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Ɔde wɔn nam anwea pradada soɔ no, sukɔm anne wɔn; ɔtuee nsuo firii ɔbotan mu maa wɔn, ɔpaee ɔbotan mu maa nsuo senee.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Ɔde wɔn nam anwea pradada soɔ no, sukɔm anne wɔn; ɔtuee nsuo firii ɔbotan mu maa wɔn, ɔpaee ɔbotan mu maa nsuo senee.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Osukɔm anne wɔn bere a odii wɔn anim, wɔ nweatam ahorow so no, ɔmaa nsu fii ɔbotan mu ba maa wɔn; ɔpaee ɔbotan no mu, maa nsu tue fii mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Osukɔm anne wɔn ɛberɛ a ɔdii wɔn anim, wɔ anweatam ahodoɔ so no, ɔmaa nsuo firi ɔbotan mu ba maa wɔn; ɔpaee ɔbotan no mu, maa nsuo tue firii mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Ɔde wɔn nam anwea pradada so no, nanso osukɔm anne wɔn; otuee nsu fii ɔbotan mu maa wɔn, ɔpaee ɔbotan mu maa nsu senee.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 48:21
15 Referencias Cruzadas  

Na wode ɔsoro aduane maa wɔn de kumm wɔn kɔm, na woyii nsuo firii ɔbotan mu maa wɔn de kumm wɔn sukɔm, na woka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmra mmɛdi asase a wokaa wɔn ntam sɛ wode bɛma wɔn no so.


Na wode wo Honhom pa no nso maa sɛ ɔnkyerɛ wɔn nyansa, na wo mana nso woamma no ampa wɔn ano, na nsuo nso womaa wɔn de kumm wɔn sukɔm.


Ɔbuee ɔbotan maa nsuo tuee, ɛtenee anwea pradada so sɛ asubɔnten.


Wo na woyii nsuo ani ne asubɔnten, womaa asukɛseɛ a ɛsene daa wee.


Ɔpaee abotan mu ɛserɛ so, na ɔmaa wɔnom sɛ asukɛseɛ.


Ɔmaa nsubɔntene firii ɔbotan mu bae, na ɔmaa nsuo senee sɛ asutene.


Hwɛ, ɔbɔɔ ɔbotan ma nsuo tui, na asubɔnten senee; paanoo nso, ɔbɛtumi ama, na wapɛ nam ama ne man anaa?


Hwɛ, mɛgyina w’anim wɔ Horeb botan no so hɔ, na bɔ ɔbotan no, na nsuo bɛfiri mu aba, na ɔman no anom. Na Mose yɛɛ saa wɔ Israel mpanin no anim.


Na mmepɔ asorɔnsorɔn ne nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa soɔ no, asuasu ne nsubɔntene bɛsene hɔ, okunkɛseɛ da a aban atentene bɛhwehwe aseɛ no.


ɛkɔm renne wɔn, na sukɔm renne wɔn, na kumaforoteɛ ne owia renka wɔn, na deɛ ɔhu wɔn mmɔborɔ no bɛgya wɔn, na wakyerɛ wɔn mmasuo so kwan.


Wɔde esu ne nkotosrɛ bɛba, na mɛdi wɔn anim de wɔn akɔ asutene ho, ɔkwan tee a wɔrensunti wɔ soɔ; na mayɛ Israel agya, na Efraim ne m’abakan.


Na Mose maa ne nsa so de ne poma no bɔɔ ɔbotan no mprenu, na nsuo pii firi mu bae, na asafo no ne wɔn mmoa nomee.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios